Ɔbaa
Mmarimma bi te sɛ abrɔ afidie
Enti mfa suban bi sɛ agrɔ na yɛ ahwɛyie
Mfa mmɔfra adwene ntena aware bɔne ho mpiri asiesie
Efirisɛ wo wu a
…yɛ bɛtumi asu asuo po nso ɛfɔm na ɛde wo bɛkɔ akɔwie
B.
Ɔbaa ei
Sɛ ɔma ne nsa so ɛnɛ na anka wo a
Ɔkyene deɛ bɛtumi asam w’adwene ama wo adane n’akoa
Ɔbaa ei
Sɛ ɔto wo pono mu na obue wo na w’anguane a
Ɔkyena deɛ bɛyɛ ayaase akuturuku ɛne atirimuodene nnadoa
Ɔbaa ei
Sɛ omia wo kɔn na w’anguane a
Ɔkyena deɛ bɛ yɛ owuo yiaw akromah
…a ɛbɛ pia wo akɔhyɛ owuo nhanoa
Ɔbaa ei
Awareɛ nni asamando o o
Na wo de apenesie atena atrimudene ano
Ɔbaa ei
Awareɛ nnyɛ ahenmanmu safoa o o
Na wo de ehu atena ne ɔko ano
Ɔbaa ei
Awareɛ nnyɛ ɔhomiɛ o o
Na wo de suru atena aseɛ ate nisuo
D.
Enti dane wo ho ɔkwadwuo
…na guane firi ɔbarima pataku ho
O yi wo mpaboa te sɛ ɔmirikatufoɔ mapa
…na guane firi ɔbarima busuofoɔ ho
Yiee nane kawa a adane wo kokofu bɔɔlo no
…na munimuni firi tirimusumfoɔ damfoɔ no nan ase
Wo nwuyɛ a
…wonnim nea wo bɛnya
Wo te aware bɔne ho a
…wo rehwiri mmerɛ a wo de bɛnya aware pa
Sɛ mpo wo di asomdwoe sugya koraa a
…ɛyɛ sene sɛ wo bɛtena ɛdɛm awareɛ bi ase
Wo ho hia w’abusuafoɔ
Wo ho hia wo man Ghana
Enti dɔ wo ho sene baribonsam biara
…na gyae aware bɔne no asetena
Amoafowaa Sefa Cecilia © August 13, 2021
2 replies on “ƆBAA”
Ewo se obaa biara tie.
LikeLiked by 1 person
Ampa. 💙
LikeLike