Amaniɛ a etru ba
Ɛne amanyɔfoɔ akatua a ɛforo ban
…si adan de bɔ wɔn ho ban
Ɛne adwumayɛfoɔ akatua a erewiawia nso entumi nnuru aduane pono so
N’asombɔ ne animdefoɔ a wɔn pɛ sɛ wɔn pia
…adwumayɛfoɔ kakrawa no kɔhyɛ ohia yɛfunu mu
Amaniɛ a etru ba
Ɛne amanyɔfoɔ a wɔn awidare wɔ kɛtɛasehyɛ ne prɔyɛ mu
…san tru takashi de resɛyi atriniifoɔ nnwuma
Amaniɛ a etru ba
Ɛne amanbɔfoɔ a wɔn taa nsɛmfo akyi
…de repri amamasɛm a ɛnkosi hwee
Ama ɔman yi ɛrebɔ ka
…de pia nkyirimma kɔ nkoasom mu
Ɛka da ka so o
Mpanyinfoɔ a wɔn adane awenfoɔ akrɔnfoɔ
Asɔfoɔ a wɔn adane mpaebɔ akyereben
…de sika anibre ɛreɛkankye wɔ asɔrefie
…san de nnadaa ɛreto konkronfoɔ sontidua
Ɛsoro amaneɛ ka fɔm
Ɛfɔm amaneɛ ka nsuo ne nnua
Nsuo ne nnua amaneɛ ka ɔhomefo biara
Ahwɛyie o
Sikaman fɔmbɔ te sɛ nsuo ne nnua amaneɛ
Ɛka obibiara
Amoafowaa Sefa Cecilia © August 6, 2021
2 replies on “AMANIƐ A ETRU MMA”
Eye nokware!
LikeLiked by 1 person
Trodooo.
LikeLike