Categories
POETRY

AMANBƆFOƆ

Amanyɔfoɔ nnyɛ anyame
…na y’asom wɔn
Wɔn yɛ asomfo a kokrommoti ayiyi wɔn sɛ wɔn nsom ɔman no
…wo ne me kokromoti
Enti ɛnnane akoa mfa asrɛ mpia wɔn ahommasoɔ
…ɛmma ɛnnane ɛbɔbrantan
…ensi w’atennie kwan

II
Amanyɔfoɔ nnyɛ adefo kronkron
Ɛkwanyie
Nsubɔ
Nkanea ntwatomu
Asukuu sie
Nnyarewa nsosɔano
…ne nea ɛkekaho nyinaa
Yɛ wo ne me nkakrawa a wɔn asam firi yɛn mfifire mu
Wɔn bɔ bosia a, ɛyɛ yɛn ka
Enti mfa osebɔ nkantan ɔdɔ brakyiɛ
Nnwene sɛ ɔmanyɔnni de ne sika na ɛyɛ koro yie
Sɛ mpo ɔde ne sika yɛ a
Ɔdane ne ho anomaa kokonekone
Fa akwan bebree so nya hyɛ mu

III
Amanyɔfoɔ bebree noaa nni akoma pa
Sɛ wɔn bɛsra wo wɔ ayaresabea a
…wɔn de aman aniwa de kyerɛ de gye ewiase ayɛyie
Sɛ wɔn bɔ wo nsawa a wɔn ma ɔman anowa keka de gye nnaase
Sɛ wɔn boa wo w’ahohiahiamu a
…wɔn de kyekyere amanfoɔ akoma ma wɔn to aba ma wɔn
Wɔn te sɛ awɔ a wɔn hyehyɛ ahabanbunu ase
…enti yɛ amanyɔfoɔ ho ahwɛyie

E.
Amanyɔfoɔ mfa sukuutoɔ mpia wo mmofra nkɔ wɔn anim
Ɔman biara wɔ ɛtoɔ a ɛhwɛ saa afa no
Wɔn deda ano hwɛ so ma yɛn kwa
Enti ɔnkɔ wo mmoa
…sɛ wo ba kɔ sukuu kwa a
Ɔnnyɛɛ wo papa
…sɛ wɔn de ɔman sika epiapia annimdefoa a
Enti ɛnnane wɔn Yesu
…nko ntɔkwa wɔ wɔn din mu
Ɛmma wo nua nnane w’atanfo
Na eyi mo nyinaa na ama ebinom Abonsam ntaban
…ama wɔn de kɛtɛasehyɛ ne prɔyɛ akataban yɛn so
Aka ɔman yi kankɔ ahyɛ
…ɛrɛbɔ ɔman yi defeee
Amoafowaa Sefa Cecilia © June 2021

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s