Categories
POETRY

ANIBRƐ ANWENSƐM

Otɔtorɔbonsu eeei!
Krɔno mframa a etruba ɛrɛbɔ
Ama kɛtɛasehyɛ ne prɔyɛ adane wɔn kyekyere ntama
Ɛrebubu yɛn banbɔ nnua
…ɛde rebɔ nkyirimma dua
Kununom adi abrɛ
…ama wɔn afrɛ yerenom erebɛ bubu yɛn aprɛ
Krubinsin amanmuo!
Ɛkabinsin adwosuo!
Ɛborɔ dunsin ano nsuo
…adane agyanombinsin ntasuo!
Ama wo man Ghana adane Amabinsin a ɔreti nisuo
Ani anhunu sɛ ɛka adane ɔkyɛm ɛrekyekyere yɛn o!
Akoma annya ahumɔbrɔ sɛ Korona adana ɔwɔ nini ɛrekum yɛn o!
Wɔn afru ɛrepae yɛn apuu!
Wɔn bɔtɔmu ɛresere yɛn nkɔsoɔ
Ɛnso wɔn ano tumi kasa de asikyire tai bɔne brane yi akyi
…de frɛ dɔm fa nnaadaa mu
Nana Nyame eei
Boa ma amanyɔ fie ntutu ɔhaw sie yi ntugu

B.
Efirisɛ ɔhaw mmorosoɔ yi de anibrɛ bɛ ba
Anibrɛ nso de asuohyiɛ bɛ ba
Asuohyiɛ nso de ɔyɛkyerɛ bɛ ba
Ɔyɛkyerɛ nso de owuo bɛ ba
Owuo a nka anosie nnyɛ si na
Enti Ɔkatakyie twi mpanyinfo yi adwen si yie
Ma wɔn nnwen temanmfoɔ ne ɔman yi asiesie
Enti Ohunuabrosoɔ eeei, bɔ sikadifoɔ a wɔntefo gu
Ɛnfiri wo mma a wɔrebrɛ yi mu
Enti Ahunuabɔbirim eeei, boa ma nteaseɛ nyɛ adwuma
Na wo ho nka nsɛi mentimehoase nnwuma
Ohuro bi sene ohurobi
Krono bi sene krɔno bi
Amanbɔ bi sene amanbɔ bi
Nso mmerɛ yi mu nsɛm so sene ne nyinaa

D.
Ɛtoɔ gyampantrudu
Akatua a ɛswa sene Asante kwadu
Nneɛmaboɔ a adane kukrudu
Apɔnkɔ nwuma a ɔhome nni mu
Nnuaneboɔ a ɛrebɔ ahiafoɔ suboɔ wɔ ɛkɔm nnsɛmnnibea
…ma wɔ nyinaa di fɔ
Ahyɛnboɔ a ama akwantuo ayɛ bisi basaa
Oyinom nnyinaa hyehyɛ temanmufoɔ akomamuo
Agya wo nim sɛ nsuo a ɛtaye apɔnkyerɛni akoma mu
…ankansa frɛ ne “wuoɔ”
Ɛnti fa ayɛmhyehyiɛ bɔ ɔhaw yi gu
Na mentimehoɔase biara ankɔba
Yɛn ho dɔ nti
Wo mma ho banbɔ nti
Ghanaman nkɔsoɔ nti
Abibiman din pa nti
Amoafowaa Sefa Cecilia © July 9, 2021 inspired by Nana Frema Busia

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

2 replies on “ANIBRƐ ANWENSƐM”

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s