Na anka wo yɛ nsoroma a wo da yɛn wiemu
Na wo sereɛ hyirɛn sɛ anɔpa wia
Na anka wo yɛ ɔsrane a wo bɔ yɛn sum gu
Na wo kanea te sɛ akyerɛkyerɛkwan
Na anka wɔ yɛ mframa dɛ
…yɛ mpata de
Wo ho akɔnɔ kyiran abufuw
Nti ɛbaanesɛn na owuo aanfɛre
…ate wo tɛ agya yɛn nisuo yi?
B.
Owuo di ni
…di si
Ka mmɔfra
…ka mpanyin
Nanso wo wuo yi te nsono mu
…bɔ asesa
D.
Wo na te ase wɔ ahoɔdene mu
Wo nana te ase wɔ fɛw so
Wo wɔfanom ne sewaanom nyinaa te ase
Wɔn mfie wɔ sorosorosoro kyene wo diɛ
Enti owuo aahunu wɔn a wɔn abrɛ
Aamfɛrɛ wo kunu abrantewaa yi
Ate wo sei tɛ
…te sɛ amango a ammre
…akɔto wo atwene n’amena mu kwa?
E.
Enti owuo aamfɛre
Sɛ wo nni ba nso wo pɛ mma
W’anfɛre wo maame ne ne Nyamesom
W’anfɛre wo nana ne ne mmɔborɔ
W’anfɛre wo nuanom a wɔn ho nni waawie?
W’anfɛre w’abusua nsonsɔnho?
W’anfɛre wo sereɛ ne wo ho fɛ?
Enti owuo aanfɛre?
Ɛ.
Sɛ ahina bɔ a
…na adepa asɛi
Ɔboɔ pae nso a
…ahoma biara nni hɔ a yɛ tumi de pam
Anka me nyaa yɛ a
…na wo yɛ sekan a etumi nane
Anka yɛbɛhuri akɔ soro aba fɔm anane wo foforɔ
Nso adwenepa biara nni hɔ a ɛwɔ owuo safoa
…n’ankampɛsɛ anya n’adwosuo
F.
Enti kɔ da yie Ama!
Kɔ da wɔ asomdwoe mu Nana Antwiwaa
Kɔda w’awieyɛ mu Atwema eii
Sɛ owuo yɛ kɔnmuade da amansan nyinaa kɔn mu yi de
Yɛ bɛ hyia ke aaa ne ke
…daakye
Damirifa due!
Due due ne amanehunu
Amoafowaa Sefa Cecilia © June 11, 2021 for her Cousin Ama Antwiwaa: 1989 – 2021
Categories