Categories
POETRY

ME TI ME HO ASE A MENPƐ

Ɛmmrɛ bi a atwa mu
Na Mentimehoasefoɔ ɛne Metimehoasefoɔ ti koro korɔ mu
Na akasa akasa wɔ wɔn ntɛm deɛ
Nso Metimehoasefoɔ gyina pintinn
…de kasa dɛ tɔɔ asomdwoe ma asetena yɛɛ dwoodwoo
Kosi sɛ nsutɔbrɛ de ɔhaw kɛseɛ bi bɛtoo wɔn so
Metimehoase panyin de adwenpa baa sɛ
Wɔn ntase nuabenane a mframa de abufuwhyew atutu afiri asaase so no
…nsi dan a sɛ mframa no hokafoɔ bɛsra wɔn a
…wɔn bɛtumi akɔbɔ wɔn ho adwaa wɔ mu

B.
Mmentimehoase panyin de takahye kaa sɛ
Ne nsa nnyɛ nnua tasifoɔ
…na ɔde ɔbrɛ akɔtɔ mfifire, honm yiaw ne honam kankan
…de apiri ahobanbɔ a onhunu atowerenkyɛm mpɔneɛ biara wɔ ewiemu
N’akyitaafoɔ de atuturasɛm ne abotesɛm taa n’akyi
Tu gu Metimehoasefoɔ so
De kukukukuyɔ pampam wɔn firi Ahoyera
…ma wɔn tutu kɔtena Ahodwo

D.
Wɔn si wɔn dan
…kyekyere wɔn koro ma no yɛɛ fɛ
Bosome miensa koraa annuru
…na nsu berane bi tɔɔ yɛ
…yiri wɔ mmeaɛ mmeaɛ bebree
Ahoyera koro no bɔɔ yɛ
Ma Mentimehoasefoɔ bebree wuwu yɛ
Wɔn a wɔkaa yɛ no de nnuho kɔɔ Ahodwo
…kɔɔ paa Metimɛhoasefoɔ kyɛw
Kaa sɛ;
“Afei na y’ahunu sɛ Mentimehoase ahoɔden ne Metimehoase
Efirisɛ nka nnyɔ ne fa bɛ wɔ so nhyiamu ne opira ne mpatuwuo
Akomahuru ɛne nsɛmhunu akyiwadeɛ ne Mentimehoase
Enti yɛ de y’aniwuo aba
…mo nhu yɛn mɔbɔ na mo ngye yɛn”

E.
Ahodwofoɔ de ntiase gyee wɔn
Ma wɔn tena fɛw so
A Mentimehoase biara antumi ammɔ wɔn koro no
Efirisɛ saa atowerɛnkyɛm no danee nkaebɔdeɛ
…de si ammodin afutuo so
…mmaa mpo nkyirimma de bɔɔ wɔn ho kɔkɔ
…wɔ Ahodwo
Amoafowaa Sefa Cecilia © June 4, 2021

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

2 replies on “ME TI ME HO ASE A MENPƐ”

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s