Akwantuo tumi bɔ yɛfunu asesa
Ma tɛkrɛma brɛ kɔm ne kasa
Nso, Ghana nnuane bɔ nkae ma tɛkrɛma sa
Efirisɛ mmae bue nuane pa pono
Bue honam a akɔ ɛkɔm akono pono
B.
Wo bɛnya bankye a ɛyɛ merɛ
…ɛne nkontomire mpotɔgum hwiegum
A amako papabi
…gyeene a ɛyɛ hwam
…nkyene kakra a efiri yɛn mpoano
…koobi a awia akye n’agyina
…ɛne zomi a emu hwam tumi nyane ntwahwefoɔ
…wɔ ayowa a y’afiti wɔ Kwahuman mu mu
Mpo na w’adi?
Ɛyɛ aduane a etumi mii sunsum
D.
Fufuo ne nkate nkonto!
Fufuo ne nkrakra a emu mpunam!
Ampesie ne ntɔriwa frɔi!
Banku ne nkrumah nkwan!
Ɛtɔ ne paya!
Garifɔtɔ ne nkateɛ!
Tuo zaafi ne ayoyo!
Ɛtiw ne Mfantsemfantse!
Dɔkono ne nkyenam!
Mpɔtɔmpɔtɔ papabi!
Aprapransa ne kɔtɔ!
Akple ne nkrumah nkwan!
Ɛmotuo ne abɛnkwan!
Ɛmo a, ɛne frɔi papabi a ntoosipa agye agyinamu!
Ɛne nnuane bebree a mentumi mmobɔso
Ghanafoɔ nim dɛ te dɛ!
E
Y’annuane dane nnuane bebree nwura!
Mpo yɛn nsutin binom dane nsuo bebree afrɔ
Yɛn tɛkrɛma nkɔ agoro
Enti akwantuo ka yɛn hyɛ wɔ biribiaramu
…ma ɛkɔm dum yɛn ansa y’adi nnuane bɔne saa ara
Aso merebisa sɛ
Yɛbɛtumi agyina yɛn nnɔbae a ɛma yɛn nnuane pa yi akosi anaa?
Amoafowaa Sefa Cecilia © April 23, 2021
Categories