Categories
POETRY

BƆNE A ESUMA

Ama adamfo Nkrumah aanya tima
…anfa anwurɔ no tɔma
De aboa su bi wɔɔ no puupuu sɛ wɔma
Ewieyɛ de homhomfi akoma
Boro no titii no ntama
A na ɔrehwehwɛ no nnipadua akɔtu bama
…so, nso bɔne wɔ hɔ yi, ensuma

B.
“Ebia na ɛyɛ homhom fi na ɛboro no
Ebia na ɛyɛ akɔm na ɛsuaa no
Ebia na ɛyɛ Ɔbonsam na esisii n’aso
Ebia na ɛyɛ nsa na ɛboro no
Ebia na ɛyɛ ɔbaa no na ɔdaadaa no
Ebia na odii no sika san yeyɛɛ no
Ebia na n’ataade hyɛ mu na epia no
Ebi koraa na n’aduane diee bi na ɛma no kɔfaa no”
Sei aaa na mantamu tɛkrɛma bua asɛm no

D.
Obiara nni hɔ ohunu Ama yiaw
Obiara nni hɔ odwene Ama haw
Obiara nni hɔ a ɔfrɛ Nkrumah sɛ ɔmmɛ tua n’abonsam kaw
Ano nyinaa twaa Ama mpɔwa de aniwuo si kekaw
…no san de tutuu kakaduru tuaw
…no ma no de ɔyiaw dii adesa nkraw
Ɛnɛ ɔne nsamanfoɔ na eedi akeka akekaw
Aa Nkruma ti nkwa mu eedi akaw

E.
Ɛmaa mo nsɔre ɛ
Na mo nko ma no nyɛ fɛ
Mpanyimfoɔ nkasa ɛ
Na awudisɛm yi ntaa din ɛ!
Atemuafoɔ nbu atɛn ɛ
Ma nsɛmmɔnefoɔ yi nhyita ɛ!
Efirisɛ mmaa na ɛnoa nkwa aduane
Obiara nni hɔ a ofiri ɔwɔ bi tokro mu bɛdane
…nnipa a w’anfa ɔbaa yɛfunu mu
Enti timanmufoɔ nso nyɛ ahwɛyie ɛ
Na ɛka ɔbaa a na aka ɔbra
Ɛka ɔbra a n’aka mmra
Ɛka mmra a n’aka amamrɛ
Ɛka amamrɛ a n’aka Onyame
Efirisɛ mmaa ne ewiase Anyame
Amoafowaa Sefa Cecilia © April 16, 2021

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

2 replies on “BƆNE A ESUMA”

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Twitter picture

You are commenting using your Twitter account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s