Abɔfra suban te sɛ ɛbɔ bebree a afrafra
Enti abɔfra pa ne nea ɔfom ka kafra
Nea onnim ne mfɛfoɔ ne nkwakora
Nea obu n’atipɛnfoɔ ne mmerewa
Nea ɔsom ne mpanyinfoɔ ɛbere biara
B.
Abɔfra pa ne nea ohunu asɛm a ɛnfa ne ho
…na ɔka n’ano to mu
Nea ɔnfa adwene bɔne nni adanse krumuu
Nea ɔnpiri nsuma nkɔtie mpanyin nkɔmɔ
Nea ɔnfa ano krokro nkɔtra ne mpanyinfoɔ
D.
Abɔfra pa na ɔhwɛ n’adesua so de piri ne daakye
Nea ɔnni nnamfofoɔ akyi nkɔ hye ntampi
…mpo na w’akɔnom nsa
Nea ɔmma ne ho so nnyɛ menim menim
…wɔ n’akyerɛkyerɛfoɔ anim
Nea ɔnto piaw mfa adjan wɔ mere a adesua ɛɛkɔ so
E.
Abɔfra pa na ɔhwɛ fie
…wɔ mere a n’awofo apue
Ɔkɔ nsuo, pra pra fie
Ɔkyerɛ ɔdɔ nnim tima
Na ɔsan nso nim anisɔ pɛ soma
Ɛ.
Abɔfra pa ne nea ɔbisa ansa w’afa
Nnim naaseɛ pɛ adwuma
Nea otie ansa w’abue n’ano
Nea onim mepawokyew ka
…san suro Nyame
F.
Abɔfra pa ne nea odidi n’awofoɔ sen mu
Hyɛ nea wɔn benya atɔ ama no
Piri kɔ n’awofoɔ mmoa wɔ wɔn adwadie mu
Ma wɔn anisɔ wɔn bra
G.
Abɔfra pa na ɔdwene nea ɛde asomdwoe bɛba fie
…ansa w’ayɛ biribi
Kra ansa w’firifie
Boa ne nuanom san bɔ n’afefoɔ ho ban
Sɛ biribi haw no a
…abɔfra pa ne nea ɔka n’ahiasɛm kyerɛ n’awofo
H.
Abɔfra papa biara wɔ ɔsoro nhyira
Na daakye de annuonyamhyɛ twen wɔn mmɔdenebɔ
Wɔn abrabɔ yɛ hyiren te sɛ nhwiren
Na wɔn bra fɛɛfɛ bɔ mmofra bɔne nnuhoo
Enti yɛ abɔfra papa
Na w’anyini abɔ bra papa
Amoafowaa Sefa Cecilia © April 9, 2021
Categories