Categories
POETRY

NSEKUFOƆ EIII!

“Eiiii dabɛn na wo bɛ yɛ ayifrɔ”
Ɔhwɛɛ m’anim a pɛ na ɔkaasɛ ɔredi agorɔ
Sɛ mo aso mo afofroafofrɔ
…na monim sɛ, m’abrabɔ nnyɛ mo agorɔ
…yi deɛ, mma mo mpatri mmɛtɔ m’afrɔ
…mu, mmɛgye adapaa asutrɔ

B.
Yɛde agorɔ agorɔ saa
…na yɛretɔn wo wɔ nsekuo man so
Yɛde” yɛnaware yɛnaware” saa
…na yɛɛ pia wo kɔhyɛ nnipa bɔne bi ahoma so
Nnipa bɛtumi de srehehe adwan w’aso ho saa
…wo bɛhunu na ɔhaw kɛseɛ abɛda w’akoma so
Enti fa agorɔ ka no edu
…mɛma wo ɛho mmuaɛ a ɛfata maako maako mpɛn edu

D.
Fa me kɔ sɛ me mmuadeɛ
Me mma wo mfa adebuo mmɛdane ebuo mfa mmua me
Fa me kɔ kyini sɛ m’ani nsɔ adeɛ
Me mma wo nnane m’ani so w’atomfo afidie
…mfa hɔ yi kwan
Sɛ me yɛ saa a
…ɛdeɛbɛn na me de bɛ wɛn me ho?

E.
Di wo fie asɛm
Na bɔ w’abrabɔ wɔ wo ara wo mmara mantɛm
Mfa w’abrabɔ nnane ɔhyɛ ahoma mfa mmɛ mantam obi
W’ani hwɛ wo kwan so a
…na wo hunu ɛso nkaseɛ ne ɛboɔ akɛseɛ
…tumi tra kɔ tɔɔtiii
Enti hwɛ w’anim na kɔ w’anim
Na m’abrabɔ nnyɛ moagudibea
…nsekufoɔ eiii!
Amoafowaa Sefa Cecilia © April 2, 2021

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s