Sɛ yɛɛpai sɛ oyiwan ayera a
Na kɔkɔsakyi ada
Efirisɛ nhwi sumsum tɔ no so wɔ nwunu mu koraa
Owia de srehehe beyi n’etikwa akyerɛ
Enti kwan a wookwan te sɛ akokɔ a ɔɔto yi
…ɛɛpagya aniwa aniwa a
Ɛbɛdane asɛm aserewa krokyia
de afrɛ akyirikyirifoɔ abɛtɔ w’asɛm
…de akɔ amansan dwa so akɔ tɔn
B.
Sumasɛm na ɛpiri gye ngyegyeho
Ti a ebu ne ho fɔ na ɛde ntɔkwasuo dane kasa tenten
…ma kasa tenten dane ntɔkwa brane
…ma ntɔkwa brane dane aka kyenkyiren
Menemu nnyɛ abɛn na ato ntɛ akata bɔne so
Kasa tenten bɛma n’abrɛ
Kwan a wookwan te sɛ akokɔ a ɔɔto yi
…ɛɛpagya aniwa aniwa a
Ɛbɛdane asɛm aserewa krokyia
de afrɛ akyirikyirifoɔ abɛtɔ w’asɛm
…de akɔ amansan dwa so akɔ tɔn
D.
Enti gyae
…kasa
Na anobrɛbrɛ n’ɛfata
Gyae ma no ndwo na asɛm yiaw ne akoma abufuhyiw
Te sɛ anwa a esi gyaaso a ayɛ hye
Na wo de nam a ɛho wɔ nsuo ato mu
Enti gyae kwan wɔ w’abufuw mu
Na ɛɛpagya aniwa aniwa a
Ɛbɛdane asɛm aserewa krokyia
…de afrɛ akyirikyirifoɔ abɛtɔ w’asɛm
…de akɔ amansan dwa so akɔ tɔn
Amoafowaa Sefa Cecilia © March 2021