Nnipa mu nwowa bi tumi yɛ wɔn ho afranfrantɔ
Bɛ srɛ w’akoma pono mu bue
Na sɛ wɔn dua wɔn ho wɔ wo mu na wo dɔ nsuo tɔ
…gu wɔn so a, na wɔn wowa su no ayi wɔn ho apue
Enti yɛ ɔdɔ mu ahwɛyie na w’ankɔ nea yɛnnkrɔ
B.
Sɛ wo yɛ asikyire a, ɛntena ntatia ho
Sɛ wo yɛ bankyɛ a, nne mpɔnkye nkɔ agorɔ
Sɛ wo yɛ akokɔ a, ɛntena ɔdɛnkyɛm ho
Sɛ wo yɛ apataa a, wo ne ɔfarefoɔ nni agorɔ
D.
Ewiase wɔ ho yi, obiara wɔ ne hokafoɔ
Nkuto ne awɔ
Adekyeɛ ne owia
Adesaɛ ne ɔsram
Ntwenee ne n’abɔfoɔ
Nti nfa ehu ntena ɔhaw ho nnane ɔtɔfoɔ
E.
Wo nkwa yɛ wo faanwo
…bɔ ho ban
W’anigyeɛ yɛ w’ahwanhwamdeɛ
…kɔ ho kan
W’somdwoe yɛ w’ataadeɛ
…nna hɔ mpan
Wo kraa yɛ w’agudeɛ
…si ho dan
Wo wideɛ yɛ w’akradeɛ
…dware no han
Mma ɔdɔbrɔ nwia wo hyɛbrɛ
Piri nnya wo kwan
Adasa nkwa yɛ korɔ
Enti nni wo ho abrɔ
Amoafowaa Sefa Cecilia © March 12, 2021
Categories