Ɔdɔ asaawa
Agorɔ apaawa
Me nsɔkɔ duawa
M’anigye ahoma
B.
Me nsuo dɛɛdɛ
M’ahofadeɛ fɛɛfɛ
M’aduane a ɛɛdɛ
M’ahoyera bɛdɛ
D.
Sɛ ɔdɔ mpaboa de ne dede krokyia
…ɛɛma adɔfoɔ akye
Na me kae m’ankonam akwantuo
…ne ne so tabuo a
…ne wo su ne ban
…wo buo a wowɔ ma me a
Na anigyeɛ ahyɛ m’afonu mu ma
E.
Efirisɛ, me twen no anyɛ kwa
Efirisɛ, ahiyie bebrebe a atanfoɔ de dane buɔ
…to to bɔɔ me no
…ɛho aba nfasoɔ pa
Efirisɛ, wo tesɛ honam pa a Ɔbɔɔadeɛ apam ahyɛ me
Wo sɛ
…ɛfata me, pɛpɛɛpɛ
Efirisɛ w’abasa fata sɛ me kɔnmuadeɛ
Ɛ.
Enti mɛ dane wo duawa a ɛnsa da
De wo atua m’ano ɔfɛ so ama amansan ahunu
Wɔn bɛtumi agu ahume aka wɔn to adwom
…abɔ mpae bɔne de apire yɛntɛmo titiɛ
Enso yɛ bɛ nya abotirɛ ayiyi yɛn dɔ yi maako maako
…te sɛ ɛmo pa a ato ne bo ase aben
Da biara da bɛyɛ sronko
W’anigye
…ne m’anigyeɛ so
Amoafowaa Sefa Cecilia © February 12, 2021
Categories
2 replies on “ME DƆFO PAPA BI”
Nice work
LikeLiked by 1 person
🙏🙏💙
LikeLike