Categories
POETRY

KWAA ABRƆ A ƆTE BƐGORƆ

Kwaa Abrɔ a ɔte Bɛgorɔ a ɔde abrɔ kɔ agrɔ
…ma ne dani afrɔ memene ne mma no
Na ɔda owuo apaso
…ɛfrɛ wiamuah owuo sɛ ɔmmɛ yi no sɛ mmusuo
…nfa no ntwa owuo afasuo no o
Wei kyerɛsɛ owuo nnyɛ agrɔ a ɔdasani de i n’ani so

B.
Osii so ware yɛ
Kwaa Abrɔ ka sii so sɛ
Ɔbɛsi n’agyapadeɛ nyinaa wɔ ne yɛm
Efirisɛ n’awofoɔ amma no agyapadeɛ biara
Enti ɔdanee akati sii ne yere dwetiri so
…wee yɛ kosii sɛ ɛhyee dwerɛbee
Okukuruu asatɔnyɛ nyinaa sua yɛ
…ɛnwini nsa kukuo wɔ ne yɛm
Enso ne bɛrima anna da koro koraa
Ɔwoo pɔripɔri aduasa nson
…a w’anhwɛ wɔn mu biara

D.
Saa na onnim sɛ onyin de twerɛdua ato krataa so
…abɔ n’ato hɔ
Enti ɔkɔgyee n’ahomieɛ sika de goro mmɛdam’ase wieyɛ pɛ
Ɛnna awerɛhoɔ too ne tuo guu ne yere akoma mu
…kum no firi ne ho
Ne mma a wɔn abɔ apasa no hyɛɛ asɛe dii n’ani
Wɔn a
…wɔnnua aduane mpo na w’anya bi adi
Mpo na wɔn akɔ nsuo amma n’anya bi anom

E.
Wɔn a wonhunu ne suban bɔne no
…a wɔn anka no
Hyɛɛ aseɛ de ‘di wo na ne wagya ni’
…twa ne mma no mpowa
Enti wɔn tutuu firi Bɛgorɔ
…ɛberɛ a obubuguu hɔ no
Ɛnti akomapafoɔ a wɔn ndɔɔso wɔ Bɛgorɔ
…na ɛtɔdabi a
Na wɔn afa ne fie adware no
…ama no aduane kakra adi
Owuo gu so eebu n’anikyie
Ɛnɛ faako da nso ɛɛhyɛ no mpunpunya
Wei kyerɛ sɛ abrɔ nnyɛ agrɔ a nnipa biara di si n’ani so
…wɔ wiase mu
Amoafowaa Sefa Cecilia © February 5, 2021

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s