Categories
POETRY

ƆBRA NE MMRA

Ɔbra wɔ ne mmra ne ne mmerɛ
Enti nfa ahoyiaw amirika nkɔtɔ kisikro
Ɔbra wɔ ne yiaw ne ne brɛ
Enti ɛnfa aniberɛ ne ahopipirɛ nnyɛ n’aduro
Efirisɛ
…ɛbɛ nyini apɔ wo sɛɛ wowowo
…te sɛ abɔdam kraman a onni man
Efirisɛ ɛbɛpɔwo akawo yayaaya te sɛ sakakraman a onni ban
Efirisɛ ɛbɛ kawo awe wo nyafunyafu te sɛ gyatabereɛ a w’atu ahunu
Sɛ ɔbra mmrapa di wo kan a
…daakye sɔ brapa kanea soma ne hann
…ma no san n’akye begye wo brɛ
Enti bu mmrɛ
…na di asɛmpa
Gyae ntrɔ na fa nokware kwanso
Di wo ho so na kyeran monaatuoɔ
Yɛ adwuma din fa pɛ sika pa
Sɛ ɔbra ne neɛ woara w’abɔ a
…ɛneɛ na din pa ne neɛ wo nnwuma akyerew wɔ aniwa aniwa akoma mu
Enti fa ɔbra mmra na di ne mmerɛ so
…fa dane hann kanea ma wo nkyirimma
Amoafowaa Sefa Cecilia © January 29, 2021

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s