Ɔkrɔmfoɔ bɛtumi ahyɛ esum ataadeɛ
…abɔ adwuma te sɛ mfidi-brane
Nanso, sɛ ewiemu nsakrayɛ yɛ Ɔbɔɔadeɛ nsa ano adwuma yi nkoaa deɛ
Dakoro awia bɛtu sum ama ani ahunu nsa a
…ɛde adesayɛ adane ataadeɛ
…ewia amansan no
Enti hwɛ na sua prɔyɛ mu nkyerkyerɛ
B
Krɔno bɛtumi ama tumi
…nso tumi no bɛtumi adane Fomena nsɛmnsɛm
…ama wo nsa akɔhyɛ w’atanfo anum
…wɔ ɛbre a ɔrebɔ ne nnompe mu
Enti hwɛ na sua prɔyɛ mu nkyerkyerɛ
D
Efirisɛ obiara wɔ n’apɛdeɛ
Obi ɛretwi soroku wɔ amanyɔfie no
Na obi ɛɛpagya nwomkro
Obi ɛhyɛ atadeɛ a atiti de kyerɛ amansan no
Na obi de mpaebɔ a ɛwɔ akomamu a entumi mpue mfiri ano
…ɛɛpa wɔn a w’afom wɔn kyew
Enti wo de takahye wia wia, ɛdwene sɛ ɔhene ne akora
…ɛma wo din tumi kɛseɛ a
Ɛmere na ɛbɛkyerɛ wo sɛ gyimie nfa din dɛɛdɛ ho
Na mpo ahenfo bebree na akyerɛ gyimii ase
…a na nkwakorafoɔ bebree hyehyɛ wɔn ase
Enti hwɛ na sua prɔyɛ mu nkyerkyerɛ
Amoafowaa Sefa Cecilia © January 8, 2021