Sɛ afe yi w’atumi agye Afehyia Pa
Na wo gu so ti nkwa mu a
Ɛneɛ fa aseda gyampantrudu a ɛtisɛ Afa Djato
…ma Ɔbrempong Nyame a ɔhume nkwa gu wo mu daa daa
Efirisɛ w’atwa kwan a ɛbro owuo anamɔnso
B.
Afe yi
Dane wo suban ani
…na fa papayɛ bɔ wo bra
Sɛ wo yɛ sum ne prɔyɛ mu prako a
Afe yi, di aduane pa na hyɛ ntaadeɛ ne mpaboa pa
…fa hyɛ ohia aniwuo
D.
Efirisɛ w’adi nkunim wɔ asetena yi mu
Ahyɛ Korona aniwuo
Efirisɛ w’atra ahohiahia nkruma mpahwiɛ asetena mu
…abɛduro nkunimdifoɔ atenaseɛ
Efirsɛ tɔntɔnte tɔntɔnte
…wo bɛ tumi anom nsa afa wo ho adwen
Efirisɛ nkwa sene sika
…akwantuo ne ahonyadiɛ biara
Wo yɛ nkunimdifoɔ ne wiase yi mu ɔsrani baako
…a wo ka ho ma yɛ di mu
Enti fa akoma pa bɔ ose
Amoafowaa Sefa Cecilia © January 1, 2021
Categories