Abatoɔ merɛ yi
Timanmufoɔ eei
Mma mo ndane asuoden bankyi
…wɔ amanmuo fufu wɔ yi mu
Ɛmma banbɔfoɔ nsa nyinyi mo nto ntwene aban kokomu
…ɛnsɛi m’abrabɔ
Sɛ mpo banbɔfoɔ nsa tra mo a
…amanyɔfoɔ bɛtumi atwamu nkɔntɔnmoa
…amma abrɔfoɔ nkranee abɛ didi mo mu
…adane ɔman yi asɛifoɔ agyanan
B.
Abatoɔ mere yi
Nsɛmkyerɛwfoɔ eeei
Mma mo ndane nkraman ahufoɔ
…mpow wowowowo wɔ asomdwoe adwosuo
Nfa amanyɔfoɔ akoma ntoto nkuguo apa so
…mma wɔn nkɛnyan wɔn akyitaafoɔ
…mma wɔn nfa atuturasɛm nka ɔman yi mbutu
Mo yɛ ɔman yi ani ne ano
Enti mo nfa ahwɛyie tɛkrɛma nkasa
D.
Abatoɔ merɛ yi
Amanyɔfoɔ eee
Mo nkae sɛ mo yɛ ɔman
…mo nsɛi ɔman
Enti mo nfa akoma a ɛda nsupa ase
…ntu asomdwoe anamɔn
W’atime
…w’akame nkabɔmu ne wantwiwantwi
…a basabasayɛ yɛ n’aweiyɛ
Sɛ wo sɛi ɔman a wo pɛ sɛ o buo a
…ɔkyena bi, ɔman bɛn na ɛbɛma wo tumi akwanya?
E.
Abatoɔ merɛ yi
Abatoɔ kɔmisanfoɔ eeei
Mo nfa firinkyiim ne nokwaredie nyɛ nhyehyeɛ
Ama gyidie amantam obia akoma
Sɛ nyiyimuu ba mo afa a
Ɛde ɔko ne ɔmanbɔyɛ na ɛbɛba
Ɛ.
Mo nkae sɛ
Ghana yɛ baakopɛ
Ɛno nso ne yɛn asaase
Mo nhunu sɛ
Aboa kɔtɔ bubu n’aprɛ a
Ɔma n’atasefoɔ kwantia ma wɔn kyere no kɔ we
Enti mo nfa anidahɔ ne abotrɛ nto aba
Na mo nfa kasapa ndi ahim
Efirisɛ ɔmanyi te sɛ pantoo a ɛnam nsu kɛseɛ so
Tokro kitiwaa bi tumi dane no butu
Kum emu akwantufoɔ nyinaa
Amoafowaa Sefa Cecilia © December 3, 2020
For my foreign readers, this poem talks about peaceful elections and the need for Ghana to work towards ensuring a chaos free election.