Yɛ de ahoɔfɛ tumi tɔ akɔnɔ
…nso mere de anibue gu n’agorɔ
Sɛ suban de mere kasa a, ɛdane mpamborɔ
B.
Yɛ de nnaadaa tumi tɔ gyidie
…nso mere hyɛda tɔ anibue
…ma gyidie dane tumidie
…a ɔtan epia ma ahoyera ɛpono bue
…borɔ ɔdaadaafoɔ no te sɛ abirekyie
D.
Yebetumi de sika atɔ debrɛ
…nanso merɛ yi nyansahwee kyerɛ
…ma aniwa tɔ aniwo ma brɛ
…ɛdane no ɛsrɛ
…pa animguase gya to mu de tɔ fɛreɛ
E
Enti bɔ bra pa wɔ hɔ yi
Ɛnyɛ adware pawaa bi din nko
Ɛyɛ afutuo a etwitwa nkuguo de ko ɔbra ko
Sɛ wo fa no waa na wo de nsɛm fi
…hata w’akwanuasa nyinaa so a
…ɛdane ɔhaw bɛ soa wo
Ma “me hunu y’anka” dane bena tia mu sɛ ah!
Amoafowaa Sefa Cecilia © November 27, 2020