Ɛnfa asomdwoe mmɔ mɔkwaa
Efirisɛ ɛbɛ dani wo atitikwaa
Ama ewiase ayɛ wo ne wo man nsɛmkwaa
Ɛde ahiyie asre wo kwa
B.
Ɛnfa asomdwoe nnyɛ agorodie
Efirisɛ akakabenfoɔ bɛ dani no afidie
Ama aniberefoɔ abɔ wo man nkofie
Adua basabasayɔ abɔ wo fie
D.
Ɛnfa asomdwoe ɛngoro mmɛdamase
Efirisɛ amanaman bi edidi w’ase
Pɛsɛ wo man hwi ase
Na daa daa w’adi ohia, ahyɛ wɔn ase
E.
Ɛnfa asomdwoe hagyaa
Efirisɛ ɛmerɛ dani no kagyaa
Na aturuturuasɛm yɛ no dagyaa
…a, wafɛrefoɔ na ɛbɛhwɛ w’adagya
Ɛ.
Asomdwoe te sɛ owia
…som no na obi ankɔ wia ama anka obiaa
Asomdwoe te sɛ nsuo
…fa obuo ma no na aamene wo ne wo nisuo
Asomdwoe te sɛ egya
…hwɛ so yie na aanbɔ wo adagya
Asomdwoe yɛ ɔman biara nsiakyibaa
…hwɛ na w’anfa pɛsɛmenkomenya aanbɔ n’abaa
Ne wuo yɛ wo wuo
…owuo a ɛbɛka nkyirimma ne wɔn nkyirimma ne wɔn afekuo
… na abɔ wo man sɛɛ dosoo
Amoafowaa Sefa Cecilia © November 2020
Categories