Categories
POETRY

YƐ AHWƐYIE

A.
M’awe nkyewiɛ, adi akaw
Adi dɛ, asom ɔyiaw
M’ato m’adwenmu, akɔm ɔhaw
Ɛnso abrabɔ mu nsɛmsɛm gu so bɔ me hu
Enti onua
…yɛ ahwɛyie

B.
Atiyie ɛnyɛ ahantan safoa
N’ankampɛsɛ akɔyɛ tumi akongua
Atiyie ɛnyɛ ohuro ataadeɛ
N’akampɛsɛ akɔyɛ atrimuoden mpaboa
Ɛnnɛ tumi akongua tumi dani nankwaaseni nkuguo pono ɔkyena bi
Enti onua
…yɛ ahwɛyie

D.
Mmerɛ takra nnyɛ ɔbaakofo dea
Na ɔde kukukuku afoforo akukuduro
…adane awuduro
Akum ahiafoɔ
Enti onua
…yɛ ahwɛyie
Efisɛ frɔmfrɔm wɔ hɔ yi
…ɛnti hɔ daa
Amoafowaa Sefa Cecilia © October 30, 2020

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

2 replies on “YƐ AHWƐYIE”

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s