Categories
POETRY

ƆDƆ MU NSƐMSƐM

Ɛnɛ mu dɛ bɛtumi ayɛ ɔkyena mu nyono
Enti onua
…sɛ wo de ɔdɔ mu ndadoa beram w’akomapono akyi
De akoma foforɔ sie mu a
Bɔ mɔdene hwɛ sɛ ne mpuma ano da hɔ
Na sɛ akoma no fa akuma dwedwa wo mu a
…w’atumi anya baabi ahiri n’ato
Efirisɛ ɛnɛ ɔdɔ betumi ayɛ ɔkyenabi tan

B.
Ɔdɔ wiemu nnyɛ anigye nkoa o
Ɔdɔ asaase so ndi akrɔkrɔ nkoa wai
Ɔdɔ bi ahyɛaseɛ yɛ dɛdɛɛdɛ
…n’aweiyɛ yayaaya
Enti gya w’akoma mpoma to hɔ
…mpo sɛ anigyeyɛ mmorosoɔ dani ne ho krado
…a yɛka si mu a yɛnbue bio a
Gya w’akoma ntokua to hɔ
Na akoma a w’abɛtena w’akoma mu no dani sebɔ a
W’atumi anya baabi ato n’afa

D.
Efirisɛ ɔdɔ nnyɛ kɔm
…na w’ama n’akɔm akum wo
Mpo ɛnnyɛ nsuo
…na w’ama ne nsukɔm akum wo
Neɛ ɔwɔ aso no …
Amoafowaa Sefa Cecilia © October 23, 2020

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s