Categories
POETRY

ƆPANYIN

Ɔpanyin
Ɔpanyin a ɔpam nyin
…san de nyin dane kɛntɛn butu mmɔfra

B.
Ɔpanyin
Ɔpanyin a wɔ de kyɛ nam
…de tena ase ma nsa hyɛ damirifa mu
…mma mmɔfra yɛ adwuma din

D.
Ɔpanyin
Ɔpanyin a ɔkasa ma obi nka bi
Nso ne nsa ne ne nan nka sedua
…hwɛ ma no fɔ

E.
Ɔpanyin
Ɔpayin a odi dodoɔ anim
…pre som te sɛ bosom
…gye nsa
…gu ne nkitiwa mu de dadaa nsamanfoɔ ne abosom
…nom bebree

Ɛ.
Ɔpanyin
Ɔpanyin a ɔpam mmɔfra ani
Hwɛ nsɛmfo de sɛi n’adwene
San so bɔ akata wɔ nyansapre mu

F.
Ɔpanyin
Ɔpanyin a ɔntena ase ansa na obiara atena ase
Ɔnsɔre yɛ a obiara nsɔre yɛ
Saa panyin yi ne simpa panyin a
…Sikaman hia funu amena
…ama n’amene no
Efirisɛ dua a ɛnso aba
…nso ɛgye nsuo
…awia ne mframa
Mma mmɔdinbɔ nnua kyene kɔm
Nyɛ nnua a ɔman biara hia
…wɔ ne mpasua biara so
Amoafowaa Sefa Cecilia © October 2020

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s