Afrafrantɔ ho fɛ ntumi ndane no ɔkɔreɛ
Mpo adɔfoɔ nisuo ntumi ndane afɔreɛ
…mma no ntu nkɔsi ewiem abakɔnmu
Enhwiren nkɔrimu aaa na ɔbɛfiifii
…atu mu dɛ
Enti gyae afrafrantɔ ahoɔfɛ akyiri di
…na fa w’ahoɔden yɛn ɔkɔreɛ
B.
Ɔkɔreɛ wɔ daakye aniwa
Ɔnsan nso nni ntaban mu aniha
N’ahoɔden aboɔden tu firi nɛ yi kosi daakye a
…enniboɔ, efirisɛ sika biara ntumi nfa ne ho ntoto ne ho
Ɔbɛ bɔ adwuma te sɛ ɔsrane a odi sum anim
Ɔbɛ gu nhwiren te sɛ ɔsoro Nyame
Ama afrafrantɔ abusua anyane afiri abɔdeɛmu
…abɛtumu dɛ
Enti gyae afrafrantɔ ahoɔfɛ akyiri di
…na fa w’ahoɔden yɛn ɔkɔreɛ
D.
Ɛnyɛ afɛfɛdeɛ biara na ɛyɛ akyɛdeɛ
Ɛnyɛ ahyɛdeɛ biara na ɛyɛ asɛdeɛ
Ɛnyɛ ahwimhwim adeɛ biara na ɛyɛ atwedeɛ
Enti hyɛ wo mmɔdenbɔ twɛdeɛ fa pia nhyehyɛyɛ pa
Na ɛnɛ yi ahoɔfe ntumi nnyɛ daakye ntaban
Ahoɔfe yɛ daakye mprɔyɛ
Enti gyae afrafrantɔ ahoɔfɛ akyiri di
…na fa w’ahoɔden yɛn ɔkɔreɛ
Efirisɛ eduru neɛ ɛyɛ din mpo a
…ɔkɔreɛ aniwa bɛhunu atowerɛnkyɛm a efiri amanɔne
…ɛɛmane ba
Afrafrantɔ sɛɛ ne hwan na w’akɔ hunu ɔsoro
…n’ankampɛsɛ w’akɔ ka ɛhɔ asumasɛm?
Amoafowaa Sefa Cecilia © October 9, 2020