Adwuma pa ne nea etua wo ka
…ɛbu wo tiboa bim
…ɛsan tɔ aduane hyɛ w’afuru
Sɛ ɛbɛ pram wo fi o,
Sɛ ɛbɛ fii tirimuhweefoɔ si ama wɔn asere wo o,
Ɛnnyɛ wo ho mframa
…nankampɛsɛ akɔma wo humee
Enti pɛ adwuma pa bi yɛ
II
Nsa a ɛnyɛ adwuma frɛ ntitiyɛ
Ntitiyɛ frɛ ekuro
Ekuro frɛ nwansena
Nwansena frɛ nsa
nsa nso tumi bre kuro
Ma kuro no kyɛre kyerɛ kyɛre
…prɔ
Enti pɛ aduma gurunyii bi yɛ
II
Ɛmma obi nfa wo nyɛ n’ahoma
…nfa nsena ne nkuguo afutuo paneɛ
Ɛnfa mpam akwasampafoɔ
Enti yi wo nsa firi wo damirifa mu
Na pɛ adwumapa bi yɛ
Na ɛno na ɛbɛma w’anyini wɔ anuonyam mu
Na ɛbɛpam ɛka ne aniwuo
…afiri wo nipaban ho
Amoafowaa Sefa Cecilia © October 2, 2020