Abasobɔdeɛ yɛ adeɛ ɛnka ɛwɔsɛ yɛde hyɛ
…mɔdinbɔfoɔ den
Te sɛ nea nsuo boa faango ma teaseanam bɔ adwuma no
Nso ɛnɛ yi
Bebree noa na adane abasobɔdeɛ adwamanfoɔ
Wɔ mmere a wɔn abrabɔ mmɔ mmɔden wɔ adwumapa biara mu
Ɛbɛyɛdɛn na ɔtweabi nfa nnadaa ntafre amamafoɔ ano?
B.
Abasobɔdeɛ mu gu ahorow
Nea ɛhyɛ afoforɔfoɔ nkuran
Nea yɛde sika tiridii kɔ tɔ de pia dwirim
Nea yɛde nhwehwɛanim kɔpri de gye amamadin
Nea yɛde bɔ mɔdinbɔ abaso de pri kankɔ
Nso nea ɛwɔ ɔdɔ tumi ne nea efiri akoma mu
Wo bɛ nya sɛ w’abasobɔdeɛ ne akoma bebrebe a ahyia
…de ɔdɔ taa w’akyi
…ɛɛbɔ wo ho ban?
Nso ɛnɛ yi
Sɛ ɛnnyɛ sika plɛti a
…na ɛyɛ pɔnkɔ ɔtumfoɔ abɔ
Sɛ ɛnnyɛ nnaadaa sika kɔkɔɔ pantraa a
…na ɛyɛ ahwehwɛ a ɛte dua bi so
Dabɛn na ahwɛyie bɛ pia yɛn nnwumapa
Ayi ahuhudeɛ afiri y’aniso?
D.
Kyere akyekyedeɛ tutu no m’ame
Ɔse aboko w’ate?
Nea ato animdefoɔ no
Ɛwɔsɛ ɛbɔ mo kɔkɔ
Ma mo fa mo nnwuma ho dɔ sɛ de yɛ abasobɔdeɛ
Na obi anfa hwee aamɛ tɔ animguaseɛ amma wo
…wɔ amansan dwa so
Amoafowaa Sefa Cecilia © September 11, 2020
One reply on “ABASOBƆDEƐ”
Is not strange to have educated people in a digital information age humiliated by a character like that?
“Nea 3wo odo tumi ni nea 3firi akoma mu” ampa. Nyame t’ase, na Nyame nti,
M3bo w’abaso p33.
LikeLiked by 1 person