Categories
POETRY

ƐBAN BIARA HIA NE BANBƆ

Dabi dabi
Akoa bɛsɔre putum aka sɛ daabi
Ama aniwuo adane Owura
…nwura
Ɛwɔ somboɔ tumi-
…kro so ama ne tumi a ɔde tumi
…wurɔ kawa fa abatiri de frɛ ɔyiaw aniwuo no
…adane no ayiaw etuo aboba akono

B.
Dabi dabi
Onibaabikɔ bɛkɔ baabi
Ama aniwa aniwa suboɔ
…a dabiarada ano de dani no piraboɔ
Adane ahwehwɛ, ahwehwɛ
…wɔn wuranom aniwuo abɔ wɔn suboɔ

D.
Dabi dabi
Aboa kankabi bɛtumi aka bi ansa w’aka baabi
Sɛ mmoa a wɔwɔ nan bebrebe
Fa sekan de kɔ ko pri pɛ ɔman a emu enni dede
Wɔ nan ntia ntia kɔm
…ɛnne nantiɛ kum a
Ɔbe sane ne mu de ne mmoa aka ho
Agye ne nnase abodin

E.
Efirsɛ nea ehuro biara dwo
Nea ɛfɔ biara wo
Nea edum biara betumi asɔ
…nkwa ne yɛn faango
Efirisɛ ɛsoro biara wɔ ne fɔm
Aboa biara wɔ ne kyɛm
Dua biara ne ne bena
Akoma biara n n’ahoma

Ɛ.
Dabi dabi
Mmere bɛduru baabi
A akoma bɛtɔ yɛm
Nso saa mmere no
Adwene behia n’adwene wɔ nyansa nsɛm
De abɔ asomdwoe ho ban
Na ananse ankɔ kum kankabi
Anfa anpiri ntentandan
…ɛwɔ ɔman nfinfini
Ama mentemehoase amɛkum asomdwoe
Anfa wɛntwiwɛntwi ansi akonwa kɛseɛ so
Ɛban biara hia ne banbɔ
Amoafowaa Sefa Cecilia © September 4, 2020

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

2 replies on “ƐBAN BIARA HIA NE BANBƆ”

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s