Categories
POETRY

SURO ASRAAFOƆ

Yɛ wɔ mmarima na yɛ wɔ Mmarima!
Yɛ wɔ mmaa na yɛ wɔ Mmaa!
Obi nhuri nfa ne nsa nkɔwɔ Ɔbonsam ani nfa ne ho ndi
Mmra de mmra
Sɛbi, ɔba kwasia na ɛde ntɔkwa foro ɔsraanii
…dwene sɛ ɔbɛfa ne ho adi
Nea onni ahoɔden abetiri wɔ ne fie
…na yɛ boro no wurɔ ne kawa fa n’abatiri

B.
Menua suro asraafoɔ o!
Asraafoɔ a wɔn ntaade mu honhom bɛtumi agyam
…w’aniso ama owuo adane pɛtɛ abɛtasi w’ase
Onua suro asraafoɔ o!
Asraafoɔ a wɔn betumi awu agye ɔman
…nti aban mmra kura wɔn danwii te sɛ asombodeɛ
Onua suro asraafoɔ o!
Asraafoɔ tumi mpo we funu wɔ akono
Wɔn te sɛ kɔtɔkɔ
Kum apem hwɛ sɛ apem a wɔn twɛdeɛ mu hyiw sene wɔn adikanfo ɛmma a!

D
Mfa akakabensɛm ndi nsɛmhunu akyi
…nkɔka ntɔkwa kyɛniyɛ biara
Wo nsɛmfo bɛtumi apirapira wo nua
…akum w’afefoɔ
Asan bɔ wo kroman asesa
Enti w’aso w’afoforo afoforo a
Onua hwɛ na w’anfa ankɔfro asraafoɔ!
Amoafowaa Sefa Cecilia © August 28, 2020

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

4 replies on “SURO ASRAAFOƆ”

3y3ampa. Nanso ma awuraba, simple definition of a soldier is a civilian in uniform. If we want to rewrite, then it will lead some folks to the Chad basin and others to the hole they came from and others would have to do a backward walk back to where I don’t know. The continuous exposure of the military is not in anybody’s interest. When the “mystique” of the GAF is removed, we are in for the long haul. Fantastic admonition, however, there are dozens of “soldiers” now “civilians” walking around because of vendetta. I am the last person to encourage civilians to be “silly” around soldiers, but these bungalow kids ferried into the GAF,have no bones in the event the iron strikes. There is a saying in scriptures that says “do not shift the ancient boundaries”

Liked by 1 person

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Twitter picture

You are commenting using your Twitter account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s