Categories
POETRY

ADƆFO YƐ NA

Sɛneɛ asikyire frɛ ntatia
Efunu frɛ nwansena
Akɔmbi frɛ moatia
Sika ma nyansa no
Nyɛ saa na abrabɔ kɔ tɔɔtii ma ɔbrabiara
Enti nya asɛm hwɛ!

B.
Sɛ asan bɔ wo firi adefotepɛn
…ɛbɛtɔ ahiafoɔ gyinabea a
Ɛhɔ na wo bɛhunu sɛ namfoɔ wɔ boɔ
…nyansa yɛ sika
…ahoɔfe wɔ ne boɔ
…mpo aniwa wɔ ɔtan kasa
Onua nya asɛm hwɛ oo!

D.
Aniwa bi bɛtumi de adapaa a enni nsɛmka
…akyerɛ w’ase
Anobi bɛtumi de nsɛmkwaa a ekura nkrantɛ
…adwedwa wo sɛ akranteɛ nam a ɛnso atɔfoɔ
Nsatea bi bɛtumi de wɔn ho fi
…adane pia awowɔ wo defedefedefe
Abranteɛ nya asɛm hwɛ ooo!

E.
Sɛ asɛm to wo a
Akokɔ biara ahomrakye kokorokoo yɛ wo ho kwaadu
Ano biara tweapea ɛko n’anumkankan yɛ w’asɛm
Mframa biara anuohyeɛ a ɛma nfifirinsawa yɛ wo nsa ano ntwɔrɔyɛ
Adeɛbiara tɔnyɛ mpae yɛ wo suban bɔne
…nea y’ahunu ne nea yɛnhunuyɛ nyinaa yɛ wo mfatadeɛ
Wɔn a wɔbɛsua wo wɔ apanpanso akɔtɔn no
…bɛ yɛ wo nwanwa;
…nkan adɔfoɔ a wɔde anuɔde bɔɔ w’abodin!
Ababaawa nya asɛm hwɛ ooo!

Ɛ.
Nti wo ho ntii twoma a
…ka w’ano dwom
Sɛ yɛɛto obi ho aniwuo nnwom a
…ka w’ano dwom
Ɛfirisɛ ɔbra akwantuo nni gyinabea krɔ
…nea ɔwɔ soro nɛ bɛtumi ati abɛtɔ fam ɔkyena sei puu
Enti nya tima
Na ɔbra mu afidie yi wo a
…w’anya ɔboafoɔ
Amoafowaa Sefa Cecilia © August 2020

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

2 replies on “ADƆFO YƐ NA”

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Twitter picture

You are commenting using your Twitter account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s