Categories
POETRY

NNAMFO BƆNE

Adamfoɔ yɛ yɔnkuɔ a ɔte wo dam ase
Ɛnnyɛ nea ɔne wo bɛgro mmɛdamase
…na w’atwa ne ho de wo ho nsɛm akɔ kyini
…atɔn te sɛ atosodeɛ

B.
Adamfoɔ te sɛ sumyɛ
Ɔsum wo wɔ wo nhwiaseɛ mu
San bam wo wɔ w’anigyeɛ mu
Enti ntɔkwa biara nni hɔ a
…ɛsɛ sɛ etumi bue n’ano kwan
Ɛma w’asumasɛm pue dani samantwentwen
…bɛ su wo adae bɔni

D.
Sɛ mpo ɔdɔ to twa wo mo ntɛm a
Ɛwɔ sɛ mo sie mo bɔne
…kata n’akyi kora kora
Efirisɛ dua a ɛbɛn twi a
…mframa nkoa na enim nea nti a
Sɛ anka duaba bɛ tɔ fam
Na ɔka ne dua nhini asumasɛm kyerɛ nnuafoforɔ a
Anka sɛ wɔn nyinaa bɛ pri akumkum ɔmo ho
…de apre duapɔn de agye edinbɔ abasobɔdeɛ?

E.
Enti nya tɛkrɛma a enim nyansa
Na ɛnfa ɔtan ɛnkɔ gu obi anim ase
…enwie nkɔtɛ ɛse akyi
Efirisɛ tɛkrɛma noa se mpo tumi ka ma mogya ba

Ɛ. Asowansowa a abue wɔn mpoma
…etie wɔn afefoɔ asumasɛm
…a wɔn ka guu wɔn nfɛfoɔ asom no nhunu sɛ
Yɛnni Takyi abaa ɛne Baah abaa
Ɛyɛ abaa korɔ noa na yɛde dum wɔn nyinaa
Tie na sre
Na emom mma wo ho nte twema
Amoafowaa Sefa Cecilia © August 14, 2020

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s