Sɛ wonua nsɛmfoo nkrumah de gu wo nkyi a
Yɛnfa aniɛden apiripra agorɔ nhwiri
…nkɔ si mu
Nfa gyimi gyidie ndwene sɛ
Wo bɛ si hɔ giridi
…na w’asan anante te sɛ ahenema
Aba w’anim
Nti, ɔdabɔ, nya adwene a ɛdwene!
B.
Sɛbi, ɛyɛ ɔba kwasea na ehuru firi
…ne nɛ ban a ɔde nkontompo asie so
…kosi n’atanfo a wɔn enim n’ahyasiɛ apampamu
Ɛsan dwene sɛ animguaseɛ ntiamuu ntumi nkukuro no nhwi hɔ
Nti, opuro, nya adwene a ɛdwene!
D.
Obuo ewiemuhyɛn tumi hye
Sɛ mpo obi to ohuro tuo aboba bɔ no a
Animguase afrɔ mu nso dɔ
Nti wo de takashi nante kɔ tɔ mu a
Nea okura tumi aboba kakraa koraa ntumi nyi wo
Efirisɛ ɔde ne nsa ɛɛkyerɛ wo so
Ene atɛnmuo n’ɛnam
Ohenpɔn nfiri n’akongua kɛseɛ so
Nfa n’abrane nsa
Nkɔkyia, sɛbi, nea w’akɔ agyanan de ne nsa atete
Enti, ɔtwea ei, nya adwene a ɛdwene!
E.
Nea ɔte mpapadan mu
…nsɔ buruburugya wɔ ne ban mu
Saa nso na nea osuro nwowa
…nfa ne nsapan nkɔdi wɔn wuɔ wɔ mmere a wɔn nyinaa ɛɛwɛn
Aprawa ei, ɛnyɛ adeɛ biara a ɛbɛsɔ wo mu na ɛyɛ abaa y’ɛmankyim ho
Enti, bɔmɔden na fa adwene a ɛda wo tirimu no
…dwene
Na yi wo ho firi aniguase pantraa so
Efirisɛ nea ɛbɔn w’atɔfoɔ a wɔn hwini bɛyɛ fooo
…ɛɛtwen atuaka de abɔ wo fam
Amoafowaa Sefa Cecilia © August 14, 2020
3 replies on “ADWENE A ƐNDWENE”
3y3 ampa paa!
Midaase. 😁
LikeLiked by 1 person
S3misi bo punch a nkyir3s3 fa wura bonmu saa. Misr3 kyir3kyir3mu kakra.
N’ano 3hyi.
LikeLiked by 1 person
😂😂😂 Ɛkyerɛ sɛ wo fra ntaago a wonni mpirapira agorɔ.
LikeLike