Categories
POETRY

ABAHYƐ PRƆYƐ

Abayɛn te sɛ kɛntɛn a yɛde kɔ nsuo
Sa deɛ wo bɛ sa nsuo no
Nso ɛbɛ fɔre atɛkyɛ ɛwɔ amansan akwanso
Na nso nsukɔm eeku wo fie foɔ
Enti tete wo ba yie
…na onsiesie wo fie

B.
Ɛyɛ diɛn nti na awofo adane boa-pia-bɔne
Amanyɔfoɔ adane boa-foa-ɛne-duduɔso
Amanaman ani adane yɛɛ-boa-tumidefoɔ
Ama nkwadaa bɔne adane akyerɛkyerɛfoɔ adesua yi?

D.
Ɛnɛ yi
…abaa ntia ba na akɔtia obi ba
Ɛnɛ yi
…ano ntra ba na akɔtra obiba
Ɛnɛ yi
…mmɔfra tumi sene akyerɛkyerɛfoɔ
Ɛbɛ yɛ dɛn na wɔn nkanbɔmu
…enbisa krɔno wɔ sukuu nsɔhwɛ mu?

E.
Sɛ mo bɛ yɛ nhwɛhan ama wɔn akɔso
De akwadwurɔ apia nsɛmfo a
…ɛtogye moara
Sɛ mobɛkɔso ama bɔne adane wɔn nkɔsoɔ atwedeɛ a
…ɛtogye moara
Sɛ mobɛhwɛ ama nfofowa yi apem akɔso
Adane kwae bretuo a
…ɛtogye moara
Dwene sɛ wo gyina mu na gyimie tuo aboba
…eediwo mpamorɔ!

Ɛ.
Ɛnɛ mpanyin mpanmborɔ yi
…bɛdani ɔkyena mpanyin kum
Ɛnɛ nkwadaa prɔyɛ yi
…bɛdane ɔkyena nkwaadaa adutuɔ
Enti mo deɛ ma mo npɛ daminam bi
…nfa nsi wɔn adekɔkɔɔ akwantuo yi kwan
Sɛ eehuro yi
…daakye mukyia no fa bɛdwiri
Ama nsuohyiɛ ne ne daresen nyinaa abutu
Adum yɛn nkɔsuo gya ama y’ada ohia tanaa mu
…akosi
Amoafowaa Sefa Cecilia © August 7, 2020

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

6 replies on “ABAHYƐ PRƆYƐ”

Sukuu krono nkoa mmpo a nka 3y3
3nora 3kwara b3wia mi dabudabu mi3nsa mua!
Sukuu nkora a exams time, y3mu nam 3wia ad33.
Abahy3 kankan kwa!

Liked by 1 person

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Twitter picture

You are commenting using your Twitter account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s