Categories
POETRY

ABAYI KYEREFOƆ

Sɛ obi da a
…ontumi nkyerɛ obia ɔnda
Obi nforo afasuo nkɔhunu n’apampamu a
…ɔbɛyɛdɛn akyerɛ anim anim ɛkɔduru hɔ?
Asɛm sɛbɛ!

Ab
Abayifoɔ ne wɔn a wɔdi nkɔntrɔ!
Abayiwa ne wɔn a wɔ sua nkɔntrɔ te sɛ ntɔrewa
…de kɔ afieafie mu kɔtɔn
…de gye nsɛmkadin
Abayibonsam ne wɔn a wɔgyina abayikwaadu a eni ngyinasoɔ so
…pra pra
…sɛi
…kum bimdifoɔ a wɔde adwumaden ɛbɔ wn bra
Abayidɔm ne wɔn a wɔde huhuhuhu kum obi nkɔsoɔ gya tanaa
…a ɔde ne mɔdinbɔ agyina
Abayikrumfoɔ ne wɔn a wɔde ntrɔ akohwie
…dani wɔn a wɔnpɛ wɔn asɛm abayifoɔ
…de bɔ wɔn fɔm
Suban bɔne sei nti
Abayintrɛnefoɔ atumi anya tumi
…de agye adwenepa ne atenatenaso
De akakabensɛm abɔ akukudurofoɔ hu
…de apem nkɔsoɔ ama n’amim wɔ nkuguo atɛkyɛmu
Dabɛn na yɛ de suatra bɛto hɔ
…asua nyansa?

B.
Adɛn na yɛtwa abayikan gya
…kum n’abediakyere?
Wɔn wɔ abayikan wɔ aniwa a ehunu ka wɔ ne yerɛ mu nti?
Yɛ nyɛ animguasefoɔ?

D.
Nea ɔnda na ohunu ne yɔnko a ɔnda!
Nea ɔne tumpata dware anaa ɛda no
…na ɔwɔ ano a ɔde ka nea n’ani ahunu
Enti mongyae animguasesɛm no!

E.
Tɛkrɛma sekan yi ara
…na yɛde adwedwa yɛn nnepa bebree
Asiye wɔn wɔ kwaadu gyampantrudu mu
Ɛde aniwuo akata wɔn nkyi
Ama ehu abɔ wɔn nkyirimma awerɛfie
Ɛberɛ aso sɛ yɛgyae animguasesɛm yi!

Ɛ.
Sɛ w’adwene kyerɛ wo sɛ bayie aba wo ba a
…hwehwɛ wo nantesie mu
Sɛ wo sɔfo hyɛ wo nkɔm sɛ bayie te wo kankɔ so a
…hwehwɛ w’abrabɔ mu
Wo neyɛɛ na ɛkyerɛ wo nkɔmhyɛ
Asɔfo akohwifoɔ bebree de apoobɔ
…adane adwene akenkan
Sɛ wo de ahodwan pɛ ahonya a
…yɛde nkontompo na ɛbɔ w’apoo
Enti mo ngyae aprɛprɛ
Na yɛngyae mo hwani hwani!

F.
Ɔman yi mu kankɔ hia adwene a ɛtumi nsakra
…ɛnyɛ nea edi nkutukyerɛ anim
…ɛde obuo adane ahenman
…nkoa adwosuo
Enti mongyae abayitobɔ
…ɛma abenfoɔ nyini mmɛ boa yɛn ma yɛn ngye nhini
Yɛyɛ mmua
…nnyɛ afa afa
Obiara a n’adwene si pi
…si ta
Ho hia de ma aban ban bɔ
…ɛne ne kan kɔ
Sɛ wo kum obi nkɔsoɔ wɔ abayibɔmu a
…ne han a ɔbɛhwire no mmɛ ka wo deɛ ho da
Enti mo ma yɛnsua nyansa nnani bayie wɔn a w’aba yie
…nfa nsa nto nsa so
…ɛnhyɛ ɔman yi ma ne nya nkɔsoɔ
Amoafowaa Sefa Cecilia © July 31, 2020

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

3 replies on “ABAYI KYEREFOƆ”

Leave a comment