Categories
POETRY

DIƐ EHIA

Ntorɔ ne ndaadaa nyɛ ntɔriwa ne mako
…na yɛde ato amamuo so anua apotɔ de ayɛ ɔman nkwan
Ahunahuna nyɛ akofena
…a yɛde adodɔ mpanyindie kwan ama wɔn a wɔhia so nantiɛ
Saa nso na ntrɛne nyɛ atwedeɛ
…na yɛde afro akosi amanmuo adaeso mu
Enti yɛnfa adwene mpiri ɔman yi mu som

b.
Sɛ mprako suban de fi pam pam akomapa firi mpanyin pono so a
Ɛbɛtɔ mere bi no
…ɔman no bɛdane mfofoa
…ama gyatakɔm adane nnipa mprako no ahanam
…akyere wɔn awe
Efirisɛ neɛ ehuru biara dwo

d.
Yɛndwene yɛn man
…ɛnyɛ me nko
Efirisɛ daakye nni yɛn nko yɛn nko
…nso ɛwɔ yɛ man
Wɔn a anidasoɔ abɔ wɔn na ɛdwene te sɛ ankonam
…wɔ ewiase amanaman apiriapiriyi mu
Tu kwan hwɛ sɛ nnipa baako bɔne
…tumi susu ne manfoɔ nyinaa

e.
Ɔbaako yɛ mua
Mua yɛ ɔbaako
Sɛ yɛdwene sɛi a
Yɛ hia teaseɛnam yi bɛdane ewiemu hyɛn wɔ mpuntuo mu
Na ɛde ahotɔ abrɛ wo ne me
…ne nkyirima nyinaa
Amoafowaa Sefa Cecilia © July 24, 2020

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

4 replies on “DIƐ EHIA”

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s