Abodin ne nsamrane
Ammodin ne amaniɛ
Mmataho ne amanie
Ɛyinom n’adani amanyɔsɛm
b
Nso nka amanyɔ akandifoɔ te sɛ kukuo a esi gyaso
Ɛgye adwene adwene ahoɔden
…nua de ben ɔman
Nso ɛnɛ yi
…adane anokwa
…bɔhyɛ hunu
…ntrɛne
…kɛtɛasehyɛ efra prɔyɛ ntama kɛseɛ
d
Nea ankasa yɛse ne hoo
…ɛɛgye nsɛmbɔ
Nea anka yɛfrɛ no dam
…ɛɛnya ɔsramohwɛ
Nea anka yɛhye no
…eegye ɔdɔ nisuo ɛɛgye nhini de nyini
Amanyɔ adane amanbɔ
Nso temanmufoɔ ɛɛbɔ gye so wɔn nkuguo mu
Ɔyiaw ne sɛnea wɔkamfo amanɔne
Kyeresɛ yɛ obi deɛ yie nsɛm pɔ tɔɔ adwene nɔte bɔne mu
Ne nhini ntumu ntutu da
Amoafowaa Sefa Cecilia © July 10, 2020
2 replies on “AMANYƆSƐM”
Amanyo adani
Omanbo ampa!
Nyiyimu ni
Mpaepaemu.
At3mdidie ni
Nyammras3m.
3y3 awir3hwo ns3m.
Awurade nhwu y3 mmo bo.
LikeLiked by 2 people
Paa! 🙏💙💙💙
LikeLike