Categories
POETRY

NUFU MPƆNƆ ƐNE ATUFO AFRƐFRƐ

Wa wrɛ wo ho te ɔpramire
Ɛdetwɛn sɛ wo honam hyɛnhyɛn bɛ woso obi ama n’atu wo sɛ emire
…a esi esie so
Ɛmre da wo honam pɔ yi so oo

b
W’ahyɛhyɛ wo to
Ahyehyɛ wo bo
…tesɛ Tafo akutu a abuo
Aso wo pɛsɛ obi dɔ ka wo hyɛ ebuo mu?

d
Mpenatweɛ sika ntesɛ brɛnyadeɛ
Saa nso na awareɛ banbɔ ntesɛ adwumaden nkatasoɔ
Papa Asikyere sika sa na ɔdane mpapa na wo dane ne biribi a atwamu a
Na sɛ ɔtetɛwo wɔ ne mfikyere a
Hwɛ na wo Nana Abrewa brɛ nyini aandane wo sɛi nhini
Amma w’anfa akomfobɔne a wɔn yɛm kɔm adane wɔn nkɔntrɔ asɔfoɔ
…aankɔ sunswan n’asomdwoe mu tesɛ ntomago

e
Eduru hɔ a
Kae sɛ wo suban bɔne n’adane w’adesua
Efirisɛ obi ngu mako aba
…nkɔte ntoose
Saa nso na afuo a enni okuafoɔ no
…enyɔ ne ho
Ɔbanyansafoɔ bɛ yɛ kasa sene
Efirisɛ n’adwene wɔ nyansa ntene
Amoafowaa Sefa Cecilia © July 3, 2020

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

3 replies on “NUFU MPƆNƆ ƐNE ATUFO AFRƐFRƐ”

Interesting save the last, couched in unfamiliar tongue. But not even the darkness under the Sokoto bridge can hide your silhouette from me. Not even the glittering blackness of the midnight sun under the bridge will diminish your bright shadow. Kudos.

Liked by 1 person

Very interesting. I really enjoyed every bit save the last, couched in unfamiliar tongue. Full of memories that can be shared from under Sokoto bridge , where even the darkness can’t hide your shadow from me.

Liked by 1 person

Leave a comment