Ewiase ɛyɛ ya o
Sɛ wo mrɛ so na wo hia ɔdɔ
Na wohyɛbrɛ aanfa n’anhyia wo a
Mfa ho sɛ wo bɛ tu akɔ wiem
…akɔ kyere ɔsoro abɔfo
Woosi fɔm na ɔdani wo Bonsam
…yɛ baako
Ɔdɔ pa yɛna
b
Sɛ wo de mmɔdenbɔ tutu fɔm hwehwɛ no
…na wo ti pa kɔnya akuma mu agudie
…na ɔnyɛ wo deɛ a
Wo bɛ dani ɔtumfoɔ ayɛ ne ho adwuma
…ahohoro ne ho fi
…anane ne ho borɔ
…atwi ne ho korɔ nyinaa
Nso nea ɔde n’adeɛ de ne benkum
…bɛba abɛtam no ahi ahi so
Ah, ɔdɔ pa yɛ na o!
d
Mpo fa kasa hia kyin amanaman so
Sɛ wo nya nea w’akoma pɛ
Na ɔde adehiakɔm fam wo ho a
Oonya ne ho
…na ɔɔwae ne ho firi wo ho yɛ ade krɔ
Ɔbɛ bubu w’akoma sɛɛ dosoo!
Agya ɔdɔ pa yɛ na o!
e
Enti bɔ wo bra na fa wo gyidie bɔ mpae
Sɛ wo hyɛbrɛ mfa wo dɔ nsi tirinkwa afidie so
…mpia mmɛ to wo
Mfa ahopiprɛ ntutu mirikabɔne
…nkɔpatri wɔ mpitri ho
Ɔdɔ ne nea Nyame ahyehyɛ
Wo deɛ wɔ mu a
…wo nsa bɛka
Wo deɛ nni mu a
Onua,
…w’koma bɛ tintim
…de w’atwa kwantinkrɔ akɔduru asamando
…dwoodwoo
Amoafowaa Sefa Cecilia June 5, 2020
4 replies on “ƆDƆ PA YƐNA”
Twi akenka no ay3 den paa oo..😁😁
LikeLiked by 1 person
Kusɛ.🤣🤣🤣
LikeLike
WOW “t’nkwa afidie” never knew that.
Gracias! M3sua saa afidie yi summ
LikeLiked by 1 person
😂😂😂🙏🙏🙏💙
LikeLike