Categories
POETRY

AMUADEƐ YAREƐ

Mpanyinfoɔ bu bɛ bi sɛ
…suantie ne onwam atikɔpɔ
Sɛ yɛka sɛ tena fie
…na w’antie a
Na ɛnɛ yi yareɛ a enni aduro yi bi sɔ wo mu a
…ɛnka sɛ wo fie bayie a ɛnhyɛ nkaebɔ mpaboa
Na adane ne ho abrɔ saman de yareɛ abɛto wo so

II
Enti wonni gyidie a
…w’ani nso abɔ?
Wonni ani a
…w’aso nso asi?
Nnipa a atitiatɔ owuo konkura mu nnyɛ nnipa kitiwa
Pɛ kasamphoni bi na pɛ ani hwɛ amanɔne nkaseabɔ

c
Enti tena fie
…na ayarehwɛfoɔ nyɛ wɔn adwuma
Pɛ anim kataban fa bɔ w’ano ne w’ani ho ban
Na fa tɛkrɛmapa nso wɔn a afa mu tirinkwa
Na fa nyansa hohoro wo nsa waawaa
Afei fa adwenpapa tete wo ne wo nua ntɛm banbɔkwanso
…fa boa ɔman no ma entumi nko amuadeɛ yareɛ a
…abɛhyɛ ahenkyɛ eedi yɛ nya no
Amoafowaa Sefa Cecilia © May 15, 2020

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s