Categories
POETRY

KƆAƐNKURƆ

Mede kɛntɛn adi ɔbɔmɔfoɔ tintin gramoo bi akyi
…agye ngyegyesoɔ ne nsɛmbɔ
De anidaso abɔ kahyire
De adwenkɛseɛ agye bɔhyɛ adi sɛ
…ne tuo tintin keseɛ a ɛbram n’abatiriso no
Bɛtumi ato akum mmoadoma bebree

b
Yɛkɔduru kwaebretuo mu
Na abrantikwaa nkɔto ne tuo nkum aboa a
Sɛɛ etuo yi mu da mpan
…emu nni aboɔ mpo n’akɔsɔ ogya

d
Me kahyire bafuu
Me kɛntɛn bawee
M’anidasoɔ pafoo
Mesan m’akyi a
…m’aniwuo sɛ ɛtiɛ nie
Ɔsono kɛseɛ koraa mfa ne ho
Nti me ne no tena kwaebretuo no mu
…kosii sɛ ɛhan furo sum ma ɛsum menee ɛhan bɛhyɛ me akokoduro ataadeɛ
Ɛna me de m’aniwuo ne me kɛntɛn kakrakaa
…tutuu so baa menkyi

e
Me ti boa huro me ma aniwa aniwa nkasɛi wowɔɔ me
Ano dunsini twetwa me ma nsansa nsatia kyerɛ me so guare me nkuguo
Amansa nkɔnkɔnsa dane awɔ kekaa me maa abusua atɛnbuo dane gyata guu me so
Ma me hunu sɛ
Wɔn a wɔde nsamrane kɔ nkogya noaa
…na wɔde kwaadu ne ntɛnkyia hyia kwan
…sɛ wo bra anko yie a

ɛ
Enti onua
…sɛ wo ti ‘kye akyekyedeɛ tutu no ma me a’
…na wo aboko, w’ada wo ho so
M’asɛm ne sɛ
…gye wo tɛkrɛma di ansa w’ato wo puno wɔ ɔdɔ nsa ano
Amoafowaa Sefa Cecilia © May 1, 2020

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s