Asaase asebrɛ te sɛ ahuro
Nana Nyankopɔn afei na y’ahunu
Yareɛ baako atumi aka y’ahyɛ dan mu te sɛ nnomaa a wɔ wɔ buo mu a ebi nni aburo
Akyerɛ yɛn sɛ ɔtan yɛ nsɛmhunu
Aso y’atia asaase so yiaw koro mu akɔto amaneɛ koro?
Anaa y’adwene gu so yɛ bunu?
Aso y’ensɛmbɔne werefri sɛ yɛ wɔ afuro
…enti na y’emu binom ɛɛdane yiaw funu?
Agya boa yɛn n’ato yɛn ne suro
Ato yɛn mu binom ne mpatu punu
…ebinom nso adane ayaresafo bɔne a wɔn hyehyɛ awu nnuro
Ebi nso eeguane ɛkɔbɔ aman foforɔ bi nkuro
Mmoa ne bɔnefakyɛ
…na yɛ srɛ
Efirisɛ yɛ yɛ nkoa ne atɛkyɛ
…a yɛtumi pɛkyɛ wɔ w’abufuwhyew nsuyire biara ano
Amoafowaa Sefa Cecilia © April 3, 2020
Categories