Categories
POETRY

TUMI ATWEDEƐ

Obi yɛ aburo ma akokɔ bi
Obi nso yɛ akokɔba ma akroma bi
Obi yɛ akura ma agyinamoa bi
Obi nso yɛ akrantiɛ ma gyata bi
Ewiase wɔ hɔ yi
…ɛtesɛ ahoɔden atwedeɛ
Wo wɔ tumi wɔ obi nkwa so
…saa ara na obi nso wɔ tumi wɔ wo nkwa so

b
Enti mma wo tumi nnane nomee
…wɔ atirimoɔden kwan so
Mfa w’ahoɔden ɛnyɛ ntrɛnedeɛ
…mma mmɔbrɔwa bi asomdwoe
Ansana ani biara bɛkoto ahwɛ ɛbon biara mu no
…na sɛbe, n’akyiri bɔn mu abue wɔ nkataban biara mu
Enti gu mmɔborɔhunu aba wɔ wo tumidie mu
…na fa tima nsuo gugu w’ahoɔden so
Mpo sɛ ɔbra pa ne pɛyɛ frɛ w’atɛnmuo a
…fa mfidie pa dɔ wo teneɛ anaa bim nwura
Ɔbra mu tumi te sɛ sunsum
…sɛ anka obiara awia ne nkaneɛ tumi pue dakoro a
…anka wo bɛhunu sɛ obiara wɔ bi
Amoafowaa Sefa Cecilia © March 13, 2020

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s