Categories
POETRY

ƆDƐNKYƐM ATOWERƐNKYƐM

Atowerɛnkyɛm ato ɔdɛnkyɛm
…ama asuo atwa n’asuo
…asaase atwe n’asɛn
Ama ewiemu nkoaa n’akɔyɛ n’anidasoɔ
Nso mmoanoma a wɔ wɔ ntaban nyinaa akyiran no
…enti ɔbɛyɛdɛn atu akɔdan soro?

II
Asuo se ne honam nnyɛ hwitahwita
…nso moanoma a wɔn de sen no de bebree gu asuo kokoso
Asuo se n’anum wɔ se huhuuhu
…n’ɛnso bonsu koraa yɛ ne hene
Nnomaa akɔ nhyiamu
…abra wɔn ho wɔn ho ntakra koraa a ɛbɛfifiri atɔ efirisɛ asaase so nnoma ako adibim sɛ ɔkyire ntakramoa we
Enti ɔbɛyɛdɛn akɔdan soro?

III
Ɔtan bi nni ase o
Nnipa we nkraman
…nso nkraman guso som
Gyata we atwi nso wɔn guso ne wɔn kyɛ wɔn adukrom
Akroma kyiri nkokɔmma nso nkokɔ nsisii wɔn mma so adan
Mpo nnomaa bi kyiri nnomaa bi we
…nso wɔn nyinaa te te wiemu
Ɛdeɛn atowerɛnkyɛm na ato ɔdɛnkyɛm a
…mmoadoma nyinaa akyiran noɔ yi?

IV
Ɔtan aduro hia yɔ
Efirisɛ kyirɛdɛ kasa nkoaa nnyɛ biribi a
…ɛkɔka mpapa ma no kasa
Ahi a enfiri Nyame nso yɛ kɔfabae
Amoafowaa Sefa Cecilia © February 28, 2020

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s