Categories
POETRY

AMANƆNE FI

Amanɔni abrane fi te sɛ nnomaa a wɔn takra sesɛ
…wɔn ano boaboa yɛ abusua abusua
Nwura ne aprɔdeɛ wɔ wɔn kyɛfa
Ntoa ne nwurɔba nwurɔba wɔ wɔn abusua
Ɛna nkrataa nkrataa wɔ wɔn anoboa
Wɔn ho hu nti
…nsa biara nnyɛ mfomsoɔ
Ngya wɔn nsansa
…na mpo wɔn ato wɔn asawuram
Wɔ Maple Asaase yi so ha

b
Nso babia me fri deɛ
Wɔn nyinaa yɛ abusua
…a adane kankan afrafra
Wɔn sisi nsubɔn
…ma nsuyire
Wɔn piti yɛn asaase ani
…te te nwansena nwom akuo akuo
…ma wɔn nan ase ntasuo totɔ nyarewa brɛ amansan
Wɔn ho hu nso hɔ a
…wɔn tumi dane nsuwansuwa wuranom
…sɛi yɛn anomnom

d
Nso ha yi
Wɔn tumi dane nnepa
…a nnipa san tɔ de di ahim

e
Sɛ enka me man bɛ hunu hann
…anya nkuran asua de abɔ yɛn man yi ho ban a
…anka yɛ bɛ kɔ nkan
Efirisɛ akunkum abrane agyegye owuo nsamrane
…wɔ nsuyire adjosuo so
Wɔn awewe nsuwa nsuwa
…ɛbobɔ nsukɔm ntrɛne wɔ nkro nkro so
Mpo wɔn ɛsɛi nsaase
…ɛɛkum mfudeɛ ɛɛbɔ ɛkɔm ntrɛne
Ehu a yɛnhunu kosi ne yɔ su

ɛ
Neɛ ɛyɛ fɛ fata me man o
Nso hwan na ɛbɛma me man foɔ ani, adwene ne nsa
…ama wɔn ahyehyɛ mmra pa
…adi so?
Amoafowaa Sefa Cecilia © February 21, 2020

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s