Sɛsɛɛ kɔhwɛ
Nnipa a wɔn adane nkura
…eeguane adɔfoɔ adekyɛda te sɛ yarebɔne bi
…de ntɔkwa ayɛ wɔn kwan
Neɛ ekume koraa ne wɔn sereɛ
…a wɔn de bɛ san wɔn akyi
…akɔbɔ wɔn adɔfonom tɔdwɛ tɔdwɛ te sɛ anumnum dwei a wɔn tim etirease
Haaagya!
b
Sɛsɛɛ kɔhwɛ
Kɔhwɛ anibrɛ gya a asosɔ
…te sɛ abayifoɔ adom nkanea
Ɛɛhwɛ adɔfo a wɔn nsɛm wɔ de
…na wɔretotɔ akyɛdeɛ aboɔden de kyekyɛ wɔn adɔfonom
‘Me nyayɛ a anka ɛyɛ me’ anyinnyim bebree wɔ anibre nkanea so
…ama wɔ pɔn abufuwhyew yiayaw mu
Haadya!
d
Sɛsɛɛ kɔhwɛ
Kɔhwɛ ntrɔ a ɛɛfru ehu apata wɔ akuma bebree mu
Wɔntongirigi akɛseɛ a wɔn bɛnya de akiiki wɔn ayaase
…wɔ mere a wɔn ahokafo ɛɛda awɔ mu
…wɔn nsa ɛhyehyɛ wɔn damirifa mu
Haadya!
e
Sɛsɛɛ kɔhwɛ
Kɔhwɛ asugyafoɔ a wɔn ɛɛtɔ akyɛdeɛ de suma brɛ wɔn ho
Ɛnyɛ bɔne
…yɛbɛ fa ne sɛ wɔn aware ware wɔn ho
Sugya die ne Ɔdɔkyerɛ Da te se nsuo ne anwa
Awerɛhosɛm nkoaaa!
Haagya!
ɛ
Sɛsɛɛ kɔhwɛ
Kɔhwɛ adɔfoɔ a asa santene wɔ nnipa baako akoma ho
Sɛ wɔɔto siisiisii a nie
…neɛ ɛbɛsi ne so anaa wɔn a ebesisi wɔn so
…n’ɛbɛkyɛ anɔpa, awia ne anadwo afa
Nso wo bɛhwɛ mu na bebree yɛ ankonam
…wɔn ayaase ɛɛbɔ wɔn ho dame
…ɛde ‘sua sua to’ ɛɛboro wɔn a wɔn adwen
Mɔbɔ! Abrabɔ yi!
Haagya!
f
Sɛsɛɛ kɔhwɛ
Kɔhwɛ ntɔkwa a akorafoɔ bi de asɔm wɔ kwabrane ho
Awuraba bi nso egya a ɔde ɛɛhye mmrantekwaa bi, fenyinam Ɔbonsam deɛ
Aniberɛ aniwaniwa nso ɛhwɛ de wɔn yiaw ɛtaaye akyire
Wɔn nya yɛ a anka, amaniɛ abobɔ sɛbi ‘agyimifo’ no asom
Nkanka ne wɔn a akomateɛ yareɛ ɛɛha wɔn no
Esu ne nkaekae dam eeku wɔn sɛɛ to!
Ɔdɔkɔm ɛɛya o!
Haagya!
g
Sɛsɛɛ kɔhwɛ
Kɔhwɛ ntɔtɔfiwa a wɔn asum wɔn awofo fidie
…ɛɛbɛ huru ban ato pia afa adjan
…de wɔn honam dɛ akɔtwetwe ɔdɔ anyinam a eni mmra kwan so
Neɛ ɛyɛ me ya ne sɛ, wɔn ntumi ntaake akyirinsɛm
Nyinsɛn bɛma wɔn asu!
Nyarewa bɛ ma wɔn ahwɛfo bɔtɔmu asu
Nkwanhyia bɛtumi aku wɔn daakye anaa wɔn ho
Asɛm sɛbɛ!
Haagya!
h
Ɛnɛ Agya Appiah bɛ puma amanfoɔ tuo
…de atoto awenfoɔ ne m’adi m’adifoɔ ayaase
Ɛnɛ yi ntaade bɔne bɛyɛ papa ama wɔn a wɔn akoma ɛɛpre ɔdɔ
Wɔn a nkwanhyia bɛ supa wɔn deɛ
…bebree
Na ebi nso bɛ di ɔdɔ sɛɛ fiifiifii
…ama ɔdɔ asu
Nso Ɔdɔ Da yi yɛ dafua pɛ
Ɛba te sɛ Ohenpɔn, n’atwamu te sɛ akoa
Nka m’ɛpɛ sɛ yɛn nyinaa bɛhunu…
Amoafowaa Sefa Cecilia © February 14, 2020