Ɔmanbapa ne neɛ n’akoma gyina nkɔsodeɛ so
Ɛnyɛ neɛ n’ano da sumina so
…ɛɛbɔ gyimeɛ bena de fira ne man
b
Ɔmanbapa ne neɛ odi ne man ni
Ɛnyɛ neɛ ɔde fi adane asiesiedeɛ
…ɛɛtɔ nwansena de dwan ne man aso
d
Ɔmanbapa ne neɛ ɔde nokware sekan
…dwedwa kɛtɛaseshɛ ne prɔyɛ mu
Ɛbɔ suro ne fɛreɛ aniwuo
e
Ɔmanbapa na ɛka ɔmanpanyinfoɔ to gya
Ɛka wɔn gyina wɔn nansoa so
Ma wɔn yɛ adwuma din wɔ akoma firinkyiim mu
…ɛɛnyɛ neɛ ɔhyɛ asrɛ ataadeɛ
…ɛde akoa nsamrane adane ayeyi nnwom
…ɛɛde ɛgye nkaprɛ ne simpoa
ɛ
Ɔmanbapa ne neɛ aban adwuma yɛ n’akoma adwuma
Na ɔnfa akwadwurɔ nsra nkɔtena hɔ
…ɔnfa muna nhyɛ wɔn anim nkɔ si hɔ
Ɔnfa mmoadoma ahantan ndane ɛkyɛ nhyɛ
Na ɔde mmɔdinbɔ piri mpuntuo
…wɔ n’adwuma ako no
f
Ɔmanbapa na onim sɛ sɛbi
…agyanan fata agyananbea
Ɛnyɛ nea, sɛbi, asaase ani yɛ n’akotoniɛ
Na ɔɔtɔ nyarewa ma ne man
g
Ɔmanbapa ne neɛ ɔboa pia abenfo
…hyehyɛ mpuntuo daresen ase
Ɛma aboafo nya nkuranhyɛ papa de gyina wɔn gya
Ma mpo adedamusaa nya nkanyan de dane mpuntuo aboafoɔ
h
Enti yɛ wo kyɛfa
…na me nyɛ me kyɛfa
Ma yɛn si ɔman nduru mpuntuo mpɛnpɛnsoɔ
Ɛno na ebɛyɛ wo ɔmanbapa
…n’atɔ nkɔsoɔ ama yɛn ne yɛnkyirima
Amoafowaa Sefa Cecilia © Ɔpɛpɔn 24, 2020
One reply on “ƆMANBAPA”
Thank you, for following me
LikeLiked by 1 person