Abena mensɛm
Akonya asɛm
W’agyina mmra ntɛm
Akɔpɛ ne ho asɛm
Afei adidiatɛm
…n’agye ne nsɛm
Ɔno a ɔyɛ amamasɛm
b
Sɛ wo pɛ ntɛm
…wɔ abrabɔ nsɛm
Na wo tu pɛnsɛ
…te sɛ atropi aburo a
Wo puro gu fam
…ma nɔti susɔ wo
Ammantɛm ngyina mmransɛm nnyɛ amamasɛm
d
Onyansani n’ehunu abotesɛm wɔ n’ahohoyɛ
Na ɔfa mu asuaba
…gu wɔ n’akoma mu
Neɛ otwa ne ho firɛdɛfirɛdɛ
…de ne ti gye ɔtan sekan
…wɔ animguaseɛ dua so
Amoafowaa Sefa Cecilia © January 10, 2019