Wo de su n’ɛfrɛ obuo
Nso wo de obideɛ n’ayɛ ebuo
A emu
…wo tɔ di
…wo tɔ nom
…wo tɔ shɛ
…wo tɔ sra
…wo tɔ tutugu wo ho
Nna kra nna yi nyinaa
W’adane abrokyire aboduaba
…wo kyia esisi wɔn kro mu
Ɛbɛ yɛ dɛn na wo deɛ akɔ so?
b
Saa kasabɛbuo no a mpanyinfoɔ nyuno yɛ sɛ
“Yɛ obi deɛ yie na wo deɛ akɔso” no
…ase nkyerɛ sɛ
Dane wo deɛ ntumoa
…n’afa obideɛ sɛ ayɛnmoa
Hwan na oyi ne nsro to gu
…sesa asaawa hyehyɛ mu
…ɛpiri atɛasefo atepɛn?
d
Ɔdɔ a wo wɔ ma wo deɛ
…ne ataade pa a ɛfata de twi akoma
…ba w’akɔno ho
Enti ntena amanɔne nnuɔma so mmane obuo
Ɛbɛ dane ebuo abutu wo so
Na sɛ wo dane srehehe akokɔ a
Ɛhɔ na wo bɛ hunu atwiitwii a ɛbɛtwitwa wo nam
Aso a ɛti asɛm na ɛsi adwene a awuo
Ani a ehunu adeɛ na ɛhwiri atimboɔ kuro
Adwuma den na ehia
…nnyɛ ano kyɛkyɛwa
Amoafowaa Sefa Cecilia © January 17, 2019
2 replies on “TƆ WO DEƐ”
I have fallen in love with your work, I just came across them while searching on the web for some Akan poetry and nsamrane. what you have here is insane!! I would love to have a discussion with you. Please do get in touch as I can’t find a way to reach you. My email is already here.
LikeLiked by 1 person
Thank you Eugene. Can’t seem to find your email. You can send me an email through chashalima@gmail.com.
LikeLike