Categories
POETRY

NSƐM A EDIKA

Ɔman yi mu amaman
…ayan te sɛ sikan
Oyiwan mu suman
…ɛkyiran te sɛ saman
Ɔhaw yi mu abakan
…ne suatra suban
Prɔyɛ a ɛhyɛfa wɔ yɛn apakan-
…mu, adane nkoguo sekan
Sɛ yɛ hia ɛban ɛnɛ yi a
…ɛne yɛn amamrɛ sankɔfa
Nso hwan n’ɛbɛ di kan
…ama ɔman nan adi akyire?

b
Hwɛ atemuafo ɛkyɛ
…abrɔfo nsamanfo mpo mfa wɔn ho
Hwɛ adwumayɛfo ntadehyɛmu
…anyɛ abrokyire funu a ɛkasa a ehia adwodwo mframa a
…na ɛyɛ amanɔne mboduaba
Hwɛ yɛn kwansen mu nuane
…ɛndane, sɛbi, mpete agyanan?
Na yɛn anum kasa ayɛ?
…Ɛna merekeka bobɔ mu yi o!

d
Sɛ yɛn a yɛ deɛ mfata yɛn
Na amanfofro deɛ egya y’anibre
…a ɛhyɛ yɛn amirika
…mpo wɔ krɔno mu
…ma yɛ ti sika akɛseɛ kɔ tɔ
Sɛ yɛn nnyɛ yɛ kro mma no mfata
…na yɛ de mpiriho tutu akwan
Sɛ yɛn nnwomasua nsɔ y’ani
Na yɛ de anibere kɔ sua wɔ afoforɔ aman so
Yɛ bɛ yɛ dɛn akɔkan?
Yɛ bɛ yɛ dɛn akɔkan?

e
Y’ayɛ afɛfuodeɛ adwamanbɔfoɔ
…adane nnuɔmafo agyanan
Nsɛm yi di ka
Nso Amoafowaa anka a
…hwan na ɔbɛka?
Ɔman yi nam yɛ suban so bɔ ka
Aniwa aniwa abɔ wɔn ho anifra a
…Abena ano nka?
Nsesa mframa bɔ dabiara
…nso me gyina nea me gyina kokomu ɛban yi mmbu ntɔ
Yɛn nyɛ suban yi mu nsesa
…na ɔman yi nsakrapa awo ahodwoda

ɛ
Nsakrayɛ yi bɛ yɛ w’ahotɔ
Nsakrayɛ yi bɛ yɛ m’ahotɔ
Nti nka sɛ m’anopɔ
Na tu ho anibere anamon
Amoafowaa Sefa Cecilia © December 20, 2019

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

8 replies on “NSƐM A EDIKA”

With love from Nigeria I like this and will think of putting a few poems in Yoruba on my blog. It has a different feel with a superficial meaning. I already noticed a few similarities of Yoruba and Akan. ‘Yi di ka’ or ‘Odi yi ka’ in Yoruba would mean ‘A wall surrounds it’. Funny as it seems ‘dabiara’ would mean ‘perform like wonders’ while ‘akokan’ literally means ‘the first seen’ as it probably relates to designation of inanimate objects. Interesting, which I know what’s in the poem. Off to google translate?

Like

Leave a comment