Asare kɔ asrɛ
…kɔ srɛ srɛ aaa
…kɔ srɛ ɛsrɛ a yɛ de bɔ ban
…ɛsrɛ a abuso wɔ nwura mu
…ma amanfoɔ de sereɛ bɔ ne kahyire
Nso ɔsuwa aniwuo te sɛ nsuo a ɛwɔ ahina mu
II
Nkɔnkɔnsa mpanpan kyerɛ a
Asare ayɛ sɛ abirekyie no
Yɛ de aniwuo dani abaa
…bɔ no tuu tuu koraa
Adekyeyɛ bɛ bɔ no awerefere
…ama n’asan akɔfa ne srɛ akofena
…akyini Mansrɛso
…asrɛsrɛ
III
Nkyerɛase bebree na ɛnenam n’asrɛ yi ho
Ebi sɛ
…ɔyɛ abɔfra no
…ne maame de oyiwan na na etwitwa ne mmɔwere
Angyae no krɔno na egya no asrɛsrɛ
Ebisɛ ɛyɛ duabɔ na ama n’ayɛ saa
Ebi sɛ ɛyɛ bɔdam aniateyɛ
Ebi nso ɛkeka sɛ ɛyɛ akwadwurɔ
IV
Asrɛ nnyɛ krɔno dieɛ
Nso ne dodow yɛ abufuw
Ne nnipa ho yɛ ahofono
Ɛna ne nnipa adamfofa ho yɛ aniwu
Asrɛ nnyɛ dua a
…nnipa tena ne suban ase
…gye mframa daa
Amoafowaa Sefa Cecilia © December 13, 2019
5 replies on “ASRƐSRƐ”
Please an interpretation of the poem
LikeLike
Nice poem
LikeLiked by 1 person
🙏🙏🙏💙
LikeLike
It’s very touching
LikeLiked by 1 person
🙏🙏🙏💙
LikeLike