Categories
POETRY

ƐYƐ W’AKOSUA KUMA?

Nana Nyame Totrobonsu
…nyansa sene ade nyinaa nti na
…obi Akosua kuma nnyɛ obi anum no
Enti neɛ ɛmrɛ atukwan abɛduru wɔ nyansa mu yi
…a kwajo hoho adwene gu so te wo nyansa so yi
…wo nhunu sɛ, sɛbi, nkwaseɛ nwansena ɛɛguro wo nsɛmka ho?

II
Kyerɛsɛ Kwame Asikuma
…bɛtumi asi n’agɛgɛ mu
…agu aba wɔ ɛmmaa du ayaase
…agye nnamu nson no nyinaa a “papa” mbata ho abodin
Nso tɛkrɛma biara nkyerɛ n’ase wɔ b’adwamu,
Mpo sɛ ne bɔne sene adebɔnefo nyinaa deɛ a,
…firi sɛ otua dua
Akosua nkoa kɔ so aba krɔ firi n’ahosɛpɛ mu a
…w’adane duawa a ɛwɔ sɛ amanfoɔ we wɔ nkunkɔn so?

III
Krakyi
…obiara asaase nna ɔbaa biara ayaase
Na w’akɔ tena hɔ tesɛ abɛnsuo dua ase
…akɔ kyerɛ mmra ase
…de apɛ n’animguase
Ɔbarima biara a ɔkyerɛ mmaase
…tesɛ tuuse a yɛde ɛkɔ ma Kaase
…wɔ ne dam akuara ase
…a yɛfrɛ hɔ Bɔdamase
Enti nhwehwɛ nnaseɛ nfiri onyansani biara apata ase
Efiri sɛ w’akyerɛ ɔbaa bi ase
…de agu n’anim ase

IV
Sɛ ɔbaa bi ano a ɛda n’ayaase
…yɛ w’ano a wo de kɔ mukaase-
…a, mesrɛ wo
…ka w’ano tum
…na ka wo se si so
Sɛ ɛhɔ nso yɛ wo Okuafo nsuo a ɛpata wo nsukɔm a
…ɛneɛ agya
…gye ho ban na pɛ krado bi fa kɔ to mu
Ɛma ɛmmɛ tena abɔnten mmue wo dede gya
…nfrɛfrɛ nkurasedwene wɔ mmerɛyefoɔ tirimu
…ɛmfa nsɛi adwene pa

V
Mmere atukwan abɛduru anibue mu
Enti ma w’adwene nso ntene nyansafidie mu
…na ɛmɛduru ɛnɛ yi faahodie mmrɛ mu
Na hunu sɛ
…ɔbaa biara kura ne homam faahodie safoa
Sɛ wɔn bɛbue wɔn ayaase
…tesɛ ɛkwan a ɛkɔ Efiduase
…ama wɔn a ɛbɔ dondo abɛ goro wɔn Antoakyire wɔ hɔ o
Sɛ wɔbɛ kɔ akɔbɔ dawuro wɔ Ankaase
…ama abɛtiri a ɛwɔ ntini nyinaa
…abɛ twa wɔn asaase wɔ wɔn ayaase o
Ɛnnyɛ wo ho mframa
…n’abɛyɛ w’asɛm
Enti pɛ nsakrayɛ pɔ bi bɔ to wo ti mu na ma yɛ ndwene
Amoafowaa Sefa Cecilia © Obubuo 8, 2019

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s